1Abɔnefoɔ dwane berɛ obi mpamo wɔn,
na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.
2Asase mmarato na ɛma ɛso ahemfo dɔɔso,
na nnipa nhunumufoɔ ne nimdefoɔ
na ɛma ɔhene kyɛreɛ.
3Ohiani a ɔhyɛ ohiani soɔ
te sɛ osuo a ɛpra adeɛ korɔ a ɛmma aduane mma.
4 Dwom 49.13 Wɔn a wɔgya mmara no yi ɔbɔnefoɔ ayɛ,
na wɔn a wɔdi mmara soɔ no ne wɔn di aperepereɛ.
5Nnipa bɔne nhunu atemmuo mu,
na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akyiri kwan no hunu ade nyinaa mu.
6 Mmb 19.1 Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ
sene deɛ ɔkyea akwan mmienu mu na wanya ne ho.
7Deɛ ɔbu mmara no yɛ ɔba nyansafoɔ,
na deɛ ɔne ahohwifoɔ bɔ no hyɛ n’agya aniwuo.
8 Mmb 13.22 Deɛ ɔde mfɛntom ne apempensie dɔre n’adeɛ no,
ɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛhunu mmɔborɔfoɔ mmɔborɔ.
9 Mmb 21.27 Deɛ ɔyi n’aso firi mmara tie ho no,
ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.
10Deɛ ɔgyegye teefoɔ kɔ bɔne kwan soɔ no,
ɔbɛhwe ɔno ara amena mu,
na pɛyɛfoɔ bɛdi adepa.
11Onipa defoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ,
na mmɔborɔni nhunumufoɔ hwehwɛ ne mu.
12 Mmb 11.10-11 Teneneefoɔ di ahurisie a, ɛyɛ fɛ pii,
na abɔnefoɔ deɛ wɔsɔre a, nnipa hunta.
13 Dwom 32.3-5; 1 Yoh 1.8-9 Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɔrenyɛ prɔmprɔm,
na deɛ ɔka na ɔgyaeɛ no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.
14Nhyira ne onipa a ɔfɛre adeɛ daa daa,
na deɛ ɔhyɛ n’akoma den bɛtɔ bɔne mu.
15Ɔbɔnefoɔ a ɔdi ɔman mmɔborɔfoɔ soɔ
te sɛ gyata a ɔbobom ne sisire a n’ani abereɛ.
16Ɔhene a ɔnni nhunumu na ne nhyɛsoɔ so,
na deɛ ɔtane amimdie ma ne nna kyɛ.
17 Gye 4.14 Onipa a obi mogya ho so da ne soɔ no,
ɔbɛdwane akɔduru amena mu,
mma wɔnnsianka no.
18Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no bɛnya nkwa,
na deɛ ɔkyea akwan mmienu mu no bɛhwe baako mu.
19 Mmb 6.6-11; 10.4; 12.11 Deɛ ɔdɔ n’asase no, aduane bɛmee no,
na deɛ ɔdi ade hunu akyire no, ohia bɛmee no.
20 Mmb 28.22; 20.21 Onipa nokwafoɔ nhyira bɛdɔɔso,
na deɛ ɔrepɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.
21Animhwɛ nyɛ,
nso aduane afono ma so mpo na onipa bɛdi asɛmmɔne.
22 Mmb 28.20; 23.4; 1 Ti 6.9 Oniberefoɔ pere ahonya ho,
na ɔnhunu sɛ ɔhia bɛba ne so.
23Deɛ ɔka obi anim no, akyire yi,
ɔbɛnya animuonyam asene deɛ ɔde ne tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.
24 Mat 15.5 Deɛ ɔfom n’agya ne ne na adeɛ fa na ɔka sɛ:
Ɛnyɛ mmarato! no yɛ ɔdesɛefoɔ adamfo.
25Deɛ n’akɔnnɔ so hwanyan ntɔkwa,
na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no deɛ wɔbɛdɔre sradeɛ.
26 Mmb 3.5 Deɛ ne ho da n’akoma soɔ no yɛ ɔkwasea,
na deɛ ɔnam nyansa mu no bɛnya adwaneyɛ.
27 2 Ko 9.6, 9 Deɛ ɔma ohiani no, ɛrenhia no,
na deɛ ɔyi n’ani no bɛnya nnuabɔ pii.
28 Mmb 29.2 Abɔnefoɔ sɔre a, nnipa hunta,
na wɔyera a, na teneneefoɔ redɔɔso.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.