1Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔtete Yudea no tee deɛ Nebukadnessar, a ɔyɛ Asiriahene ne ne safohenepanin Holoferne de ayɛ amanaman no, ne sɛdeɛ wasi afom wɔn nnoɔma na wasɛe w’asɔrefie.
2Saa nti wɔn akoma tuu kɛseɛ pa ara sɛ ɔreba no, na na wɔsuro wɔ Yerusalem ne Awurade wɔn Nyankopɔn asɔrefie no.
3Ɛsiane sɛ, na wɔfirii nnommum mu baeɛ nkyɛree koraa, na afei koraa nso na nnipa a wɔwɔ Yudea no aboa wɔn ho ano, na wɔate akronkronneɛ ne afɔrebukyia ne asɔrefie a wɔguu ho fi no ho.
4Yei nti wɔde asɛm soma kɔɔ mansini biara a ɛwɔ Samaria, Kona, Bet-horon, Belmain, Yeriko, Koba, Aesora ne Salem bɔnhwa mu.
5Ntɛm ara na wɔgyee nkokoɔ atentene fae, na wɔbɔɔ nkuraa a ɛdeda soɔ no ho ban, na ɔkoraa aduane de yɛɛ ahoboa twɛnee ɔko — ɛfiri sɛ na ɛnkyɛree koraa na wɔtwaa wɔn nnɔbaeɛ.
6Na ɔsɔfo panin no, Yoakim, a saa berɛ no na ɔwɔ Yerusalem no twerɛ kɔmaa nkurɔfoɔ a wɔtete Betulia ne Betomestaim nkuro a ɛhwɛ Esdraelon anim, a ɛne Dotan petee mu di nhwɛanim no,
7rehyɛ wɔn sɛ wɔnnye mmepɔ ntam akwan no mfa, ɛfiri sɛ, ɛno na ɛnam so bɛma wɔatumi akɔsɛe Yudea, na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛtumi asianka obiara a ɔpɛ sɛ ɔfa hɔ, ɛsiane sɛ ɔkwan no sua a nnipa baanu pɛ na wɔtumi fa hɔ ɛberɛ korɔ mu.
Mpaebɔ ne Asotwe8Saa nti Israelfoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Ɔsɔfopanin Yoakim ne Israel man mpanimfoɔ no hyɛɛ wɔn ɛberɛ a wɔhyiaa mu wɔ Yerusalem no.
9Na mmarima a wɔwɔ Israel no su frɛɛ Onyankopɔn anibereɛ so, na wɔde mmuadadie brɛɛ wɔn ho ase.
10Yona 3.7-8; Est 4.1-3 Wɔn yerenom ne wɔn mma ne wɔn anantwie ne ɔhɔhoɔ biara a ɔte ɔman no mu ne ɔpaani ne akoa a wɔtɔɔ no — wɔn nyinaa firaa ayitoma.
11Afei Israel mmarima, mmaa ne nkwadaa a wɔtete Yerusalem nyinaa de wɔn ho totoo fam wɔ asɔrefie no anim, na wɔde nso yɛɛ wɔn tiri mu na wɔtrɛtrɛɛ wɔn ayitoma mu wɔ Awurade anim.
12Afɔrebukyia no mpo, wɔde ayitoma duraa ho, na wɔboom de nne baako suiɛ, na wɔbɔɔ mpaeɛ anibereɛ so kyerɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ ɔmmma wɔmmmɛfa wɔn mmɔtafowa nkɔ ne wɔn yerenom sɛ adefomdeɛ bi, ne wɔn nkuro a wɔanya sɛ apɛgyadeɛ no, wɔnsɛe no, na wɔanyɛ akyiwadeɛ ne afideɛ wɔ kronkronbea hɔ, na ammma Amanaman mufoɔ amfa nitan anni ahurisie.
13 Est 4.16 Awurade tiee wɔn mpaeɛ no na ɔhunuu wɔn ahohiahia no; ɛfiri sɛ na nnipa no adi mmuada wɔ Yudea ne Yerusalem nyinaa wɔ Awurade Tumfoɔ no kronkronbea anim hɔ.
14Yoel 2.17 Na Ɔsɔfopanin Yoakim ne asɔfoɔ no nyinaa sɔre gyinae wɔ Awurade anim somm Awurade, na ayitoma sisi wɔn asene mu, na wɔbɔɔ da biara ɔhyeɛ afɔdeɛ, aboadeɛ afɔdeɛ ne mmasoɔ afɔdeɛ.
15Na wɔde nso yɛɛ wɔn abotire ho, na wɔde wɔn ahoɔden nyinaa su kyerɛɛ Awurade sɛ ɔnhu Israel fie nyinaa mmɔbɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.