Yesaia 50 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn bɛtumi agye ne man

1 Deut 24.1; Yes 54.6; 52.3 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma

a mede megyaee no no wɔ?

Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan

na metɔn mo memaa no?

Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo,

na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.

2 Yes 59.1; Num 11.23; Eks 14.21 Adɛn nti na mebaeɛ no, na obiara nni hɔ,

mefrɛeɛ no, obiara annye soɔ?

Me nsa yɛ tiaa sɛ mentumi mennyeɛ,

anaasɛ tumi a mede bɛgye nkwa bi nni me mu?

Hwɛ, mede me nkaanim mema ɛpo we,

mema nsubɔntene danedane anwea pradada so

nsuo a ɛnni hɔ nti, emu nam porɔporɔ,

na sukɔm kuku wɔn.

3Mede tumm mekata ɔsoro,

na mede ayitoma meyɛ ne nkataho.

Nyankopɔn akoa no nokorɛdie

4 Mat 7.28-29; 11.28 AWURADE Nyankopɔn ama me

asuafoɔ tɛkyerɛma,

sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm

bɛwowa deɛ wabrɛ;

ɔnyane me daa anɔpa,

ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.

5 Dwom 40.6 AWURADE Nyankopɔn abue m’aso,

na me nso mante atua

mansane m’akyi.

6 Mat 26.67-68; Yoh 19.1 Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ,

ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ.

Manyi m’ani

mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.

7Na AWURADE Nyankopɔn bɛboa me,

enti na ahohora amfa me soɔ;

enti na mayɛ m’anim sɛ twerɛboɔ,

na menim sɛ m’ani renwu.

8 Rom 8.33 Deɛ ɔbu me bem no abɛn,

hwan na ɔne me bɛdi asie?

Ɔmma yɛnnyina nhyiam.

Hwan na ɔne me anya?

Ma no mpinkyɛ me.

9Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn bɛboa me,

hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ?

Hwɛ, wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,

nweweboaa bɛwe wɔn.

10Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE,

na ɔtie n’akoa asɛm?

Deɛ ɔnam sum mu

na hann bi nhyerɛn mma no no,

ma no mfa ne ho nto AWURADE din so,

na ɔntwere ne Nyankopɔn.

11Hwɛ, mo a mososɔ ogya

na mode nnyentia a ɛdɛreɛ mia no nyinaa,

monkɔ mo gya no dɛre

ne nnyentia a moasosɔ no mu.

Me nsam na yei bɛfiri ayɛ mo,

ɛyea mu na mobɛdeda fam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help