1 Aso 4.25-30; Adi 11.18; 19.19 Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye,
na aman susu ade hunu yi?
2Asase so ahemfo sɔre gyina,
na atumfoɔ bom tu agyina
tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,
3 Yer 2.20; 5.5; Luk 19.14 Momma yɛmmubu wɔn mpokyerɛ,
na yɛnto wɔn nhoma mfiri yɛn ho ngu.
4 Dwom 37.13; 59.8 Deɛ ɔte soro no sere,
AWURADE di wɔn ho fɛw.
5 Yes 34 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu,
na ɔde n’abufuhyeɛ bɛyi wɔn hu aka sɛ:
6Me AWURADE na masi me hene,
me bepɔ kronkron Sion so.
7 Dwom 89.26-29; Aso 13.33; Heb 1.5; 5.5 Na mɛka no deɛ AWURADE ahyɛ no.
AWURADE ase me sɛ: Me ba ne wo,
ɛnnɛ na mawo woɔ.
8 Dan 7.13-14 Bisa me, na mede amanaman bɛyɛ wo apɛgyadeɛ,
na mama woafa asase ano nohoa adi so
9 Adi 2.27; 12.5; 19.15 Wode dadeɛ poma bɛbubu wɔn,
na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.
10Na afei, ahemfo, monhunu nyansa.
Asase so atemmufoɔ, montie afotuo.
11 Flp 2.12; Heb 12.28 Monsom AWURADE osuro mu,
na monni ahurisie ahopopoɔ mu.
12 1 Sa 10.1; Dwom 34.8; 84.12; Yes 30.18 Momfa nidie mapa mma no,
na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu;
na aka kakra na n’abufuo adɛ.
Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
