1Na bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu sɛ wɔdi soɔ no, da no ara a Yudafoɔ atamfoɔ ani daa so sɛ wɔbɛdi Yudafoɔ so no danee sɛ Yudafoɔ no mmom na wɔdii wɔn atamfoɔ no soɔ,
2PURIMWɔhyɛ Purim afahyɛ ase
20Na Mordekai twerɛɛ nsɛm yi, na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no,
21sɛ wɔmma yei ntim wɔn tirim sɛ wɔbɛdi bosome Adar da a ɛtɔ so dunan, ne ne da a ɛtɔ so dunum no daa afe,
22sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnkoɔ ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.
23Na Yudafoɔ no sɔɔ deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ ne deɛ Mordekai twerɛ brɛɛ wɔn no mu,
24Est 3.7 sɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafoɔ no nyinaa tamfo no, dwenee Yudafoɔ no ho sɛ ɔbɛsɛe wɔn, na ɔtwee Pur, ɛne ntonto, sɛ ɔbɛdwerɛ wɔn na wasɛe wɔn,
25Est 9.14; 7.10 na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.
26Enti wɔfrɛɛ nna yi Purim, sɛdeɛ Pur din no teɛ. Enti nso, nwoma yi mu nsɛm no nyinaa ne deɛ wɔhunuu no asɛm yi mu ne deɛ ɛtɔɔ wɔn soɔ no nti,
27Yudafoɔ no maa no timii, na wɔde too wɔn ho ne wɔn asefoɔ ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛbataa wɔn ho nyinaa so, sɛ wɔmmma nna yi mmienu nntwa mu a wɔrenni no sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn berɛ a wɔahyɛ no daa afe nyinaa no teɛ.
28Na wɔnkae nna yi, na wɔnni no awoɔ ntoatoasoɔ, mmusua, nsase ne nkuro nyinaa so, na Purim nna yi nntwa Yudafoɔ no tiri so, na ne nkaeɛ nso to nntwa wɔn asefoɔ mu.
29Na Ɔhemmaa Ester a ɔyɛ Abihail ba no ne Yudani Mordekai de tumi nyinaa twerɛe, sɛ wɔbɛma Purim nwoma a ɛtɔ so mmienu yi atim.
30Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ nyinaa wɔ Ɔhene Akas-weros ahennie nsase ɔha aduonu nson no so, ɔmannwoeɛ ne nokorɛdie nsɛm,
31sɛ wɔde rema Purim nna yi atim, ne berɛ a wɔahyɛ no mu, sɛdeɛ Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ester ahyɛ wɔ wɔn mu no, ne sɛdeɛ wɔama mmuadadie ne wɔn sufrɛ nsɛm no atim, wɔn kra ne wɔn asefoɔ mu no.
32Na Ɔhemmaa Ester mmara na ɛtintimm Purim no ho nneyɛɛ nyinaa; na wɔatwerɛ ne nyinaa nso.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
