1 butu, Nebo koto;
akwantuo mmoa ne anantwie soso wɔn ahoni;
wɔakyekyere mo nnesoa
asoasoa mmoa a wɔrebrɛ.
2Wɔbom koto butu;
wɔntumi nnsi amanehunu ano;
na wɔn ara nso kɔ atukorɔ mu.
3Yakob fie ne Israel fie nkaeɛ nyinaa,
mo a wɔaturu mo afiri yafunu mu
na masoa mo afiri awotwaa mu no,
monyɛ aso mma me.
4 Dwom 71.18 Na ɛkɔsi w’akwakorabɔ mu, mene me ara,
na ɛkɔsi ɛdwonofuo mu mpo, mede wo bɛsi akɔnkɔn;
me na mayɛ, na me na mɛsoa,
me na mede wo bɛsi akɔnkɔn, na magye wo.
5 Yes 44.9-20 Hwan na mode me bɛto ne ho na ɔne me ayɛ pɛ,
na mode no bɛsusu me, na yɛasɛ?
6Wɔn deɛ, wɔhwie sika firi fotoɔ mu,
na wɔde nsania kari dwetɛ;
wɔbɔ sikadwumfoɔ paa na ɔnyɛ no onyame;
wɔkoto, na wɔsɔre no.
7Wɔma no so si akɔnkɔn
kɔsoɛ no si ne sibea, na ɛsi hɔ;
ɛntwe ne ho mfiri n’afa;
wɔteam frɛ no a, ɔmmua,
na ɔntumi nnye obi, n’ahohia mu.
Nkwagyeɛ no abɛn8Monkae yei, na monnwene ho,
mo mmaratofoɔ, mokae ɛ.
9 Yes 44.6 Monkae akane nnoɔma a ɛfiri tete no,
sɛ me ara mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio;
mene Onyankopɔn, na deɛ ɔte sɛ me nni hɔ koraa.
10 Yes 42.9 Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm,
na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no,
meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina,
na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.
11 Yes 41.2 Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afiri apueeɛ
ne m’agyina mu barima afiri akyirikyiri asase so.
Makasa, na mɛma no aba mu;
madwene, na mɛyɛ.
12Montie me, asobrakyefoɔ
a mo ne tenenee ntam twe.
13Mede me tenenee apinkyɛ, ɛnni akyiri,
na me nkwagyeɛ renka akyi.
Mede nkwagyeɛ bɛsi Sion,
na mede m’animuonyam mama Israel.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
