Numeri 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Lewifoɔ som

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2Bu Kohat mma no ano firi Lewi mma no mu, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,

3Num 8.24 fa firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ no so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnyɛ m’adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.

4Yei ne Kohat mma no ahyiaeɛ ntomadan no mu som adwuma: Akronkronneɛ mu ade kronkron no.

5Na sɛ nsraban no rebɛtu a, Aaron ne ne mma mmra mmɛyi ntwamutam no, na wɔmfa nkata adanseɛ adaka no ho,

6na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nto so, na wɔmfa bibitoma mu nsɛ so, na wɔmfa ne mpoma no nwurawura mu.

7Na wɔmfa bibitoma nkata anim pono no so, na wɔmfa nyowa no ne nyowaa ne nkoraa ne nkuruwa a wɔde hwie no nsisi so, na daa paanoo no nsisi so;

8na wɔmfa ntoma kɔkɔɔ nsɛ nnoɔma no so, na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu.

9Eks 25.31 Na wɔmfa bibitoma nkata kaneadua no ne ne nkanea ne n’adaawa ne ne nso nkukuwa ne ne ngo ntoa a wɔde som no nyinaa ho.

10Na wɔmfa ɛno ne ɛho nnoɔma nyinaa nhyɛ sukraman nwoma nkatasoɔ no mu, na wɔmfa nto pata no so.

11Na wɔmfa bibitoma nsɛ sika afɔrebukyia no so, na wɔmfa sukraman nwoma nkata ho, na wɔmfa ne mpoma nwurawura mu.

12Na wɔmfa ɔsom nnoɔma a wɔde som kronkronbea hɔ no nyinaa nhyɛ bibitoma mu, na wɔmfa sukraman nwoma nkatasoɔ nkata ho, na wɔmfa nto pata no so.

13Na afɔrebukyia no, wɔnsesa so nso ngu, na wɔmfa ntoma a ɛbere dum nsɛ so,

14na wɔmfa ɛho nnoɔma a wɔde som so nyinaa, nsramma kukuwa ne adinam ne sofi ne nkoraa no, afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa, na wɔmfa sukraman nwoma akatasoɔ nsɛ so, na wɔmfa ɛho mpoma no nwurawura mu.

15Num 7.9; 2 Sa 6.6-7 Na nsraban no rebɛtu na Aaron ne ne mma no wie akronkronneɛ no ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma nhyɛne mu nkɔma soɔ, na wɔanka akronkronneɛ no amma wɔanwuwu. Yei ne Kohat mma no adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.

16Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ahwɛdeɛ ne kanea ngo ne nnuhwam ne daa aduane afɔdeɛ ne sra ngo no, tenabea no nyinaa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa so hwɛ, kronkronbea hɔ ne ɛho nnoɔma fam.

17Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

18Momma wɔntwa Kohatfoɔ mmusua mu abusuakuo no mmfiri Lewifoɔ mu, na yei na monyɛ mma wɔn,

19na wɔanya nkwa na wɔanwuwu sɛ wɔabɛn akronkronneɛ mu ade kronkron no: Aaron ne ne mma no nhyɛne mu, na wɔmfa wɔn nsisi wɔn adwuma ne wɔn asɛdeɛ ho;

201 Sa 6.19 na wɔn deɛ, wɔnnhyɛne mu mmfa wɔn ani mmɛbɔ akronkronneɛ no so, na wɔanwuwu.

21Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

22Bu Gerson mma no nso ano, sɛdeɛ wɔn mpanimfie ne wɔn mmusua teɛ;

23kan wɔn firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa, na wɔnsom ahyiaeɛ ntomadan no ho.

24Yei ne Gersonfoɔ mmusua no som a wɔnsom na wɔnsoa nnoɔma:

25Wɔn na wɔnsoa tenabea no ntoma no ne ahyiaeɛ ntomadan no, ne nkatasoɔ, ne sukraman akatasoɔ a ɛwɔ soɔ no ne ahyiaeɛ ntomadan no ano nkataano no,

26ne adihɔ no ho ntwamutam ne adihɔ a ɛtwa tenabea ne afɔrebukyia no ho hyia no aboboano nkataano no ne ne ntampehoma ne ɛho adwuma ho nnoɔma nyinaa; na wɔnyɛ biribiara a ɛhia sɛ wɔyɛ no wɔ ho.

27Aaron ne ne mma asɛm so na Gersonfoɔ mma no nyɛ wɔn adwuma nyinaa, wɔn asɛdeɛ nyinaa ne wɔn adwuma no nyinaa fam; na momfa wɔn nnwuma nyinaa nhyɛ wɔn nsa na wɔnhwɛ so.

28Yei ne Gersonfoɔ mma mmusua no ahyiaeɛ ntomadan no mu som adwuma, na wɔn adwuma no sohwɛ wɔ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar nsam.

29Merari mma no nso, kan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ.

30Kan wɔn firi deɛ wadi mfeɛ aduasa de rekorɔ so kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, obiara a ɔbɛtumi akɔ ɔsa, na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma.

31Na yei ne nnesoa a wɔnsoa sɛ wɔn ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma; tenabea no ntaaboɔ ne ne mmeamu ne n’adum ne ne nnyinasoɔ,

32ne adihɔ a ɛhyia ho no adum ne ne nnyinasoɔ ne ne mpɛɛwa ne ne ntampehoma ne ɛho nnoɔma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa; na monkan nnoɔma a wɔnsoa no mmobɔ din mfa nhyɛ wɔn nsa.

33Yei ne Merari mma mmusua no adwuma, wɔn ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma nyinaa, wɔ Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar nsam.

34Na Mose ne Aaron ne asafo no mu mmapɔmma no kɔkan Kohatfoɔ mma no sɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,

35wɔde firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma.

36Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua no soɔ yɛ mpennu ahanson aduonum.

37Yeinom ne Kohatfoɔ mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiaeɛ ntomadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam so kan wɔn.

38Na Gerson mma mu nnipa a wɔkan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,

39firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma.

40Wɔn nnipa a wɔkan wɔn wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie soɔ yɛ mpennu ahansia aduasa.

41Yeinom ne Gerson mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn, wɔn a wɔsom ahyiaeɛ ntomadan no mu nyinaa a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm so kan wɔn.

42Na Merari mma mu nnipa a wɔkan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,

43firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ɔsa nyinaa sɛ wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no mu adwuma,

44wɔn nnipa a wɔkan wɔn, sɛdeɛ mmusua teɛ, yɛ mpensa ne ahanu.

45Yeinom ne Merari mma mmusua mu nnipa a wɔkan wɔn a Mose ne Aaron nam AWURADE asɛm a ɛwɔ Mose nsam no so kan wɔn.

46Na Lewifoɔ a Mose ne Aaron ne Israel mmapɔmma no kan wɔn, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie teɛ,

47firi deɛ wadi mfeɛ aduasa so de kɔsi deɛ wadi mfeɛ aduonum so, wɔn a wɔtumi yɛ ɔsom adwuma anaa nnesoasoa adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu no,

48wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem nwɔtwe ahanum aduɔwɔtwe.

49Sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no na wɔde wɔn sisii wɔn som adwuma ne asɛdeɛ ne deɛ wɔde hyɛɛ wɔn nsa no soɔ mmaako mmaako; sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help