Nnwom mu dwom 6 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nhyia mu anigyeɛ

1O mmaa mu ɔhoɔfɛni,

ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ?

Ɛhe na wo dɔfoɔ no adane ne ho afa,

na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?

2 Nmd 4.16 Me dɔfoɔ asiane kɔ ne turo mu,

aduhwam akofie ho,

sɛ ɔrekɔma ne nnwan aduane,

na watete sukooko nhwiren afɛfɛ no.

3 Nmd 2.16 Me deɛ, mewɔ me dɔfoɔ, na me dɔfoɔ wɔ me,

ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko no mu.

4 Nmd 1.15 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ sɛ Tirsa,

woyɛ oyima sɛ Yerusalem,

wo ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔahyia frankaa aseɛ.

5 Nmd 4.1 Yi w’ani firi me so,

na ɛha me,

wo nwi te sɛ mmirekyikuo

a wɔsiane firii Gilead bepɔ ho.

6 Nmd 4.2 Wo se te sɛ nnwanten mmaatan

a wɔfiri adwareeɛ reforo ba

a wɔn nyinaa awowo ntanta,

na deɛ wabu kyenee nni wɔn mu.

7 Nmd 4.3 W’asontorɔ mu te sɛ atoaa aba fa,

w’anim nkatanimu mu.

8 Dwom 45.14 Ahemmaa yɛ aduosia, na mpenafoɔ yɛ aduɔwɔtwe,

ne mmabaa a ɛnni ano.

9 Nmd 5.2 M’aburuburo a ɔdi mu yɛ baako pɛ,

ne na bakorɔ ne no,

deɛ ɔwoo no ɔdɔba ne no;

mmammaa hu no, na wɔfrɛ no anigyeɛ,

ahemmaa ne mpenafoɔ nso, na wɔkamfo no.

10Hwan ne oyi a ɔpue sɛ adekyeeɛ,

ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsrane, ne ho te sɛ owia,

na ne ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔkura frankaa yi?

11Mesiane mekɔɔ adwe turo mu,

sɛ merekɔhwɛ bonhwa mu nhahamma frɔmfrɔm,

sɛ merekɔhwɛ sɛ obobe afefɛ,

sɛ atoaa gu nhyerɛne anaa?

12Na mennim sɛ me kra de me bɛsi

me man adehyeɛ nteaseɛnam mu.

13Sane, sane bra, Sulamit,

sane, sane bra, na yɛnhwɛ wo.

Adɛn na mohwɛ Sulamitni no?

Ɔte sɛ Mahanaim asa no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help