1 Yes 51.1 Montie yei, O Yakob fie,
mo a wɔde Israel din ato mo
na mofiri Yuda asene mu no,
mo a mode AWURADE din ka ntam
na mobɔ Israel Nyankopɔn din,
na ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu no.
2Na wɔde kuro kronkron no frɛ wɔn ho,
na wɔtwere Israel Nyankopɔn
a asafo AWURADE ne ne din no.
3Akane nnoɔma no, mefiri mekaeɛ ɛnyɛ nnɛ,
na ɛfirii m’anomu, na mama wɔate;
mpofirim na meyɛeɛ, na ɛbae.
4 Yer 5.3 Ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ asoɔden,
na wo kɔn yɛ daban,
na wo moma yɛ yaawa;
5enti na meka mekyerɛɛ woɔ akyɛ;
ɛnnya mmaeɛ no, memaa wotee,
na woanka sɛ: M’adwinhoni na ɔyɛeɛ,
me honi a wɔasene ne me guo honi na wɔhyɛeɛ.
6Woate; hwɛ yei nyinaa;
na wo nso worenka nkyerɛ?
Merema woate nsɛm foforɔ afiri sɛsɛɛ,
ne deɛ wɔakora a wonhunuiɛ no;
7afei na wɔabɔ, na ɛmfiri tete,
na wontee da gye nnɛ,
na woanka sɛ: Hwɛ, menim dada.
8Wontee pɛn, nso wonhunui,
ɛfiri tete na w’aso mmueeɛ;
na menim sɛ nkontompo ara na wotwa,
na wɔfrɛ wo mmaratofoɔ firi yafunu mu.
9Me din nti na metwentwɛn m’abufuo aseɛ,
na m’ayeyie nti medwoo m’ani memaa wo,
na manku wo.
10 Dwom 66.10 Hwɛ, manane wo, nso ɛnte sɛ dwetɛ;
masɔ wo mahwɛ wɔ amaneɛ fononoo mu.
11 Yes 42.8 Me nti, me nti na meyɛ;
ɛfiri sɛ wɔngu me din ho fi sɛn?
Meremfa m’animuonyam memma obi.
Adom foforɔ ne nkwagyeɛ foforɔ12 Yes 41.4 Tie me, O Yakob,
ne Israel a mafrɛ woɔ,
mene ɔno ara, mene odikanfoɔ,
na me ara nso ne okyidifoɔ.
13Nso me nsa na ɛhyɛɛ asase aseɛ,
na me nsa nifa de ɔsoro trɛɛ hɔ;
sɛ mefrɛ wɔn a,
wɔn nyinaa bɛgyinagyina hɔ.
14 Yes 41.2 Mo nyinaa mommoaboa mo ano ntie:
Wɔn mu hwan na ɔkaa yeinom?
Deɛ AWURADE dɔ no no
bɛyɛ n’anisɔdeɛ wɔ Babel ho,
na ne basa atia Kaldeafoɔ.
15Me, me na maka, nso mafrɛ no.
Mama no aba, na ne kwan yɛ no siadeɛ kwan.
16 Yes 45.19 Montwe mpini me, montie yei.
Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mefiri mfitiaseɛ mekasaeɛ;
ɛfiri berɛ a ɛbaeɛ no, na mewɔ hɔ,
na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom.
17Sɛ AWURADE,
wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie:
Mene AWURADE, wo Nyankopɔn,
mene deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛyɛ ma woɔ,
na ɔgya wo kɔ ɔkwan a fa soɔ no soɔ.
18 Deut 5.29 Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ,
anka w’asomdwoeɛ bɛyɛ sɛ asubɔnten,
na wo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkyeɛ,
19na w’asefoɔ adɔre sɛ anwea,
na w’asefoɔ ayɛ sɛ n’aboseaa.
Wɔrentwa wɔn din ntwene,
na wɔrensɛe no mfiri m’anim.
20 Yes 52.11; Yer 51.6; 2 Ko 6.17; Adi 18.4 Momfiri Babel, momfa ahurisidie nne nnwane mfiri Kaldeafoɔ mu.
Monka, momma wɔnte yei,
momma no mfiri nkɔduru asase ano.
Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.
21 Eks 17.6 Ɔde wɔn nam anwea pradada soɔ no, sukɔm anne wɔn;
ɔtuee nsuo firii ɔbotan mu maa wɔn,
ɔpaee ɔbotan mu maa nsuo senee.
22 Yes 57.21; 66.24 Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, AWURADE na ɔseɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.