Nnwom 63 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nyankopɔn ho anigyinaDawid dwom. Ɔwɔ Yuda serɛ soɔ no, na ɔtoeɛ.

1 1 Sa 22.5; 23.14; 24.1; Dwom 42.2; 143.6 Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn,

mehwehwɛ wo anɔpahema,

wo ho sukɔm de me kra,

me honam ahodwo repɛ wo hɔ biribi,

asase pɛsɛɛ a nsuo nni soɔ ma no tɔ piti wɔ so.

2Saa na mehwɛɛ woɔ wɔ kronkronbea hɔ,

sɛ mɛhunu wo tumi ne w’animuonyam.

3Na w’adɔeɛ yɛ sene nkwa,

mede m’ano bɛyi wo ayɛ.

4Saa na mete aseɛ yi mɛhyira woɔ,

wo din mu na mɛma me nsa soɔ.

5Ɛbɛmee me kra sɛ ekyim ne sradeɛ,

na mede ahosan mu anoteɛ bɛyi wo ayɛ.

6Sɛ mekae wo me kɛtɛ so a,

medi wo ho dadwene adasuo mu.

7Na woayɛ me boafoɔ,

na wo ntaban ase nwunu mu na medi ahurisie.

8Me kra bata wo ho di w’akyi,

wo nsa nifa sɔ me mu.

9Na wɔn a wɔpɛ me kra asɛe no no

bɛsiane akɔ asase ase tɔnn.

10Wɔde wɔn bɛto afena ano,

wɔbɛyɛ sakraman deɛ.

11Na ɔhene deɛ, n’ani bɛgye Nyankopɔn ho,

obiara a ɔka ne ntam no de bɛhyehyɛ ne ho,

na wɔbɛmua wɔn a wɔdi atorɔ ano.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help