Luka 16 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Efiepanin oniteɛfoɔ no

1Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ: Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiepanin bi, na wɔkɔbɔɔ no kwaadu sɛ ɔsɛe n’adeɛ.

2Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdeɛn na mete no wo ho yi? Bɛbu wo paninnie ho nkonta, na worenni panin bio.

3Na efiepanin no kaa ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ me wura rebɛgye me paninnie afiri me nsam. Menni ahoɔden a mede mɛtutuo, na ahwa nso yɛ me aniwuo.

4Aane, mahunu deɛ mɛyɛ, na wɔtu me firi me paninnie so a, wɔagye me akɔ wɔn afie.

5Na ɔfrɛɛ ne wura adefirifoɔ nyinaa mmaako mmaako baa ne nkyɛn see deɛ ɔdi kan no sɛ: Wode me wura ɛka ahe?

6Na ɔse: Ngohina ɔha. Na ɔsee no sɛ: Gye wo nwoma, na tena ase ntɛm twerɛ aduonum!

7Ɛnna ɔsee ɔfoforɔ sɛ: Na wo nso, ɛka ahe na wodeɛ? Na ɔse: Mede ayuo nkotokuo ɔha. Na ɔsee no sɛ: Fa wo nwoma na twerɛ aduɔwɔtwe!

8Ahonyadeɛ kwan pa

9 a ɛntene no bi so nya nnamfoɔ, na sɛ ɛhia mo a, wɔagye mo akɔ daa afie no mu.

10Ɔsom afanu

13 Yesu ka Farisifoɔ anim

14 Ɔdefoɔ ne ohiani no

19 Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.

20Na ohiani bi a watutu akuro nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’aboboano.

21Na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔdi mporoporowa a ɛfiri ɔdefoɔ no pono soɔ agu fam no meeɛ; nanso akraman ba bɛtaferee n’akuro mu.

22Na ɛbaa sɛ ohiani no wui, na abɔfoɔ bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefoɔ no nso wui, na wɔsiee no.

23Na ɔmaa n’ani soɔ wɔ Asamando no, na ɔwɔ aninyanneɛ mu, na ɔhunuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ ɔtwere ne kokom.

24Na ɔteaa mu sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro ma no mfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu, na ɔmfa mmɛdwodwo me tɛkyerɛma; na merehunu amane ogyaframa yi mu.

25Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no, wonyaa ahotɔ, na Lasaro nso deɛ, ɔhunuu amane; afei na ne werɛ akyekyerɛ, na wo nso, worehunu amaneɛ.

26Na yei nyinaa nna nkyɛn, eku kɛseɛ da yɛne mo ntam a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha yi ba mo nkyɛn ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ nohoa ntumi ntra mma yɛn nkyɛn.

27Na ɔse: Ɛnneɛ, agya mesrɛ wo sɛ, soma no ma no nkɔ m’agya fie;

28na mewɔ nuammarimanom baanum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ, na wɔn nso amma aninyanneɛ mu ha yi bi.

29

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help