Baruk 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1 Yes 52.1; 61.3, 10; Adi 21.2 O Yerusalem, yi w’awerɛhoɔ ne w’amanehunu atadeɛ gu,

na fa animuonyam fɛfɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no hyɛ.

2Fa tenenee atadeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hyɛ;

fa mmerɛ santenni animuonyam abotire hyɛ,

3ɛfiri sɛ Onyankopɔn de w’ahoɔfɛ bɛkyerɛ wɔ wi yi ase baabiara.

4Na Onyankopɔn bɛma wo din a ɛbɛtena hɔ daa,

“Tenenee Asomdwoeɛ Nyamesom mu Animuonyam.”

5O Yerusalem, sɔre gyina sorɔnsorɔmmea hɔ;

hwɛ apueeɛ fam,

na hwɛ wo mma a wɔaboa wɔn ano afiri apueeɛ ne atɔeɛ a

ɛnam Ɔkronkronni no asɛm so a

wɔredi ahurisie sɛ Onyankopɔn akae wɔn.

6Wɔnam wɔn anammɔn mu firii wo nkyɛn

a wɔn atamfoɔ di wɔn anim kɔeɛ;

nanso Onyankopɔn de wɔn bɛsan abrɛ wo bio,

wɔbɛsoa wɔn animuonyam mu sɛdeɛ ɔdehyeɛ te adwa so.

7Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ahyɛ sɛ wɔmmrɛ bepɔ biara a ɛkorɔn ne nkokoɔ a ɛwɔ hɔ daa no ase,

na wɔnhyɛ mmɔnhwa mma na ɛnyɛ asase traa,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel bɛnante dwoodwoo wɔ Onyankopɔn animuonyam no mu.

8Kwaeɛ ne aduhwam dua biara

nam Onyankopɔn ahyɛdeɛ so ayɛ nwunu ama Israel.

9Ɛfiri sɛ Onyankopɔn de ahurisie bɛdi Israel anim,

wɔ n’animuonyam no mu,

ɔde mmɔborɔhunu ne tenenee a ɛfiri ne nkyɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help