1 1 Sa 24.10; 26.19; 2 Sa 16.5-11 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na medwane bɛtoa wo.
Gye me m’atifoɔ nyinaa nsam, na yi me!
2 Dwom 10.8-9 Na wɔansunsuane me kra sɛ gyata antete me mu
a ɔgyefoɔ nni hɔ.
3 Hiob 31.7-34 AWURADE me Nyankopɔn, sɛ mayɛ yei,
na amumuyɛdeɛ bi wɔ me nsam,
4sɛ mayɛ deɛ ɔne me te asomdwoeɛ mu bɔne
na madi deɛ ɔha me no amim bi kwa a,
5ma ɔtamfoɔ ntaa me kra,
na ɔnkyere me, na ɔntiatia me nkwa so ɛfam,
na ɔmma m’animuonyam nyɛ fam.
6AWURADE, sɔre w’abufuo mu,
ma wo ho so tia m’ahohiahiafoɔ aniɛden,
na nyane ma me, wo a woahyɛ atemmuo.
7Na ma aman asafo ntwa wo ho nhyia,
na sane firi wɔn so kɔ soro.
8 Dwom 18.20-26 AWURADE bɛbu aman atɛn;
AWURADE di m’asɛm sɛdeɛ me tenenee
ne bem a ɛwɔ me mu teɛ.
9 Dwom 104.35; Yer 11.20; 17.10; Adi 2.23 Ao, ma abɔnefoɔ bɔne to ntwa ɛ!
Na ma ɔteneneeni ntim.
Na wone tenenee Nyankopɔn
a wosɔ akoma ne adwene hwɛ.
10 Dwom 3.3 Me kyɛm wɔ Nyankopɔn nsam,
ɔno na ɔgye akoma mu teneneeni nkwa.
11 Dwom 9.4 Onyankopɔn ne ɔtemmufoɔ tenenee,
ne Onyankopɔn a ɔteatea daa nyinaa.
12 Deut 32.41; Kwa 2.4; 3.12 Sɛ obi annane n’akwan, Onyankopɔn bɛse n’afena,
wakuntunu ne tadua mu, na wasiesie.
13Na wasiesie owuo adeɛ ama onii korɔ no,
wayɛ n’agyan ma no hye adeɛ.
14Hwɛ, ɔmumuyɛfoɔ nyinsɛn amumuyɛ,
na ɔnyem ɛhaw,
na ɔwo atorɔ.
15 Mmb 26.27 Watu amena, na wafunu mu,
na ɔtɔ tokuro a ɔno ara tuo no mu.
16Ne mmusuo resane abua n’atifi,
na n’amim aduru ne mpampam.
17Mɛda AWURADE ase sɛdeɛ ne tenenee teɛ,
na mato ayeyie dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
