1 Ate 21.7, 18; 20.1 Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin awareɛ.
2Ate 20.18 Na ɔman no baa Betel bɛtenaa Nyankopɔn anim kɔduruu anwummerɛ, na wɔmemaa wɔn nne so suu su kɛseɛ.
3Na wɔkaa sɛ: O AWURADE, Israel Nyankopɔn, adɛn nti na yei aba Israel sɛ nnɛ aka Israel mu abusuakuo baako?
4Na adeɛ kyeeɛ no, ɔman no tuaa nhema sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na wɔbobɔɔ hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ.
5Ate 20.1 Na Israelfoɔ no kaa sɛ: Israel mmusuakuo nyinaa mu hwan na wamma dwabɔ no mu AWURADE nkyɛn? Ɛfiri sɛ wɔaka ntankɛseɛ agu deɛ wamma AWURADE nkyɛn Mispa no so sɛ: Kum na wɔnku no.
6Na Israelfoɔ no yam hyehyee wɔn maa wɔn nua Benyamin, na wɔse: Ɛnnɛ wɔatwa abusuakuo baako afiri Israel mu atwene.
7Ate 21.1 Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam, ɛfiri sɛ yɛaka AWURADE ntam sɛ yɛremfa yɛn mma mu biara mma wɔn awareɛ?
8Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.
9Na wɔkan ɔman no, na hwɛ, na Yabes-gileadfoɔ mu biara nni hɔ.
10Ɛnna asafo no somaa akofoɔ no mu mmarima mpemdumienu, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔkum Yabes-gileadfoɔ no ne mmaa ne mmɔfra nkrantɛ ano.
11Num 21.2; 31.17 Na yei ne adeɛ a monyɛ, mmarima nyinaa ne mmaa a wɔnim mmarima nna nyinaa, monsɛe wɔn pasapasa.
12Na wɔhunuu Yabes-gileadfoɔ no mu mmabaa ahanan a wɔnnim mmarima nna, na wɔde wɔn baa nsraban no mu Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ.
13 Ate 20.47 Ɛnna asafo no nyinaa soma maa wɔne Benyaminfoɔ a wɔwɔ Rimon botan mu no kɔkasaeɛ, na wɔkaa wɔn asomdwoeɛsɛm.
14Na Benyamin sane baa berɛ no mu, na wɔde mmaa a wɔgyee wɔn nkwa wɔ Yabes-gilead mmaa mu no memaa wɔn aware; nanso anso wɔn.
15Na ɔman no yam hyehyee wɔn maa Benyamin, sɛ AWURADE ama ntemu aba Israel mmusuakuo mu.
Benyaminfoɔ wia mmabaa16Na asafo no mu mpanimfoɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama wɔn a wɔaka no ɛyerenom fam? Ɛfiri sɛ Benyamin mu mmaa ase ahye.
17Na wɔkaa sɛ: Adwanefoɔ a wɔfirii mu no agyapadeɛ ntena hɔ mma Benyamin, na wɔampepa abusuakuo biara amfiri Israel.
18Ate 21.1, 7 Na yɛn deɛ, yɛrentumi mfa yɛn mma mu biara mma wɔn aware, ɛfiri sɛ Israelfoɔ akeka ntam sɛ: Nnome nka deɛ ɔde ɔbaa bi bɛma Benyamin awareɛ.
19Na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔhyɛ AWURADE fa afe daa Silo a ɛwɔ Betel atifi fam, tempɔn a ɛfiri Betel kɔ Sekem no apueeɛ fam ne Lebona anafoɔ fam.
20Na wɔhyɛɛ Benyaminfoɔ no sɛ: Monkɔ nkɔtetɛ wɔn bobe nturo no mu,
21na monhwɛ, na sɛ Silo mmabaa no firi adi bɛsa wɔn asa no a, momfiri adi mfiri bobe nturo no mu mmra, na obiara mmɛkyere ɛyerɛ mfiri Silo mmabaa no mu mfa nkɔ Benyamin asase so.
22Na sɛ wɔn agyanom anaa wɔn nuanom ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛham a, yɛbɛse wɔn sɛ: Monhwɛ yɛn anim nnom wɔn, na yɛannya ɛyerenom amma wɔn mmaako mmaako, akodie no mu; nso ɛnyɛ mo na mode wɔn maa wɔn, na anka sɛsɛɛ deɛ, moadi so.
23Na Benyaminfoɔ no yɛɛ saa, na wɔfefaa yerenom sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ firii wɔn a wɔbɛsaeɛ a wɔkyekyeree wɔn no mu. Na wɔsii mu sane kɔɔ wɔn agyapadeɛ so, na wɔkyekyeree nkuro no tenatenaa mu.
24Na Israelfoɔ no nso firii hɔ berɛ no mu kɔɔ wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua mu, na wɔfirii hɔ kɔɔ wɔn agyapadeɛ ho.
25 Ate 17.6 Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel; obiara yɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.