Yosua 18 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔkyekyɛ asase a aka no mu

1 Ate 21.19; 1 Sa 1.3; 4.4 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim.

2Na aka Israelfoɔ no mu wɔn a wɔnkyɛɛ agyapadeɛ mmaa wɔn no, mmusuakuo nson.

3Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsie ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?

4Montu abusuakuo biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkɔkyini asase no so, na wɔntwerɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ, na wɔmmra me nkyɛn.

5Na monkyekyɛ mu nkyekyɛmu nson. Yuda nnyina ne hyeɛ so anafoɔ fam, na Yosef fie nnyina wɔn hyeɛ so atifi fam.

6Na montwerɛ asase no nkyekyɛmu nson no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha.

7Yos 13.14-33 Na Lewifoɔ rennya mo mu kyɛfa, ɛfiri sɛ AWURADE asɔfodie no ne wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben ne Manase abusuakuo fa no anya wɔn agyapadeɛ, Yordan agya apueeɛ a AWURADE akoa Mose de maa wɔn no.

8Ɛnna mmarima no sɔre kɔeɛ; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔtwerɛ asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkɔkyini asase no so na montwerɛ ho asɛm, na monsane mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo.

9Na mmarima no sii mu kɔ kɔfaa asase no so, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ nkuro no teteɛ nkyekyɛmu nson de hyɛɛ nwoma bi mu, na wɔsane baa Yosua nkyɛn Silo nsraban mu.

10Na Yosua twee ntonto maa wɔn AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ.

11Na Benyaminfoɔ abusuakuo ntonto bae sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn ntonto no hyeɛ firi Yuda mma ne Yosef mma ntam.

12Yos 7.2 Na wɔn atifi fam hyeɛ firi Yordan; na ɛhyeɛ no foro fa Yeriko nkyɛn mu atifi fam, na ɛforo kɔ bepɔ no so kɔ atɔeɛ, na ano kɔduru Bet-awen serɛ so.

13Gye 12.8; 28.19 Na ɛhyeɛ no firi hɔ sene fa anafoɔ fam kɔ Lus, wɔ Lus a ɛne Betel no nkyɛn mu, na ɛhyeɛ no siane kɔ Atarot-adar, bepɔ a ɛda anafoɔ Bet-horon anafoɔ fam no so.

14Yos 15.6-9 Na ɛhyeɛ no hima na ɛkonton kɔ atɔeɛ fam fa bepɔ a ɛda Bet-horon ntentensoɔ anafoɔ fam no anafoɔ fam, na ano kɔduru Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), Yuda mma kuro bi. Atɔeɛ fam deɛ ne no.

15Na anafoɔ fam deɛ firi Kiriat-yearim kurotia, na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ, na ɛkɔ Neftoa asutire ho.

16Na ɛhyeɛ no siane kɔ bepɔ a ɛda Hinom ba bonhwa anim a ɛwɔ Refaim bonhwa mu atifi fam no ano nohoa, na ɛsiane Hinom bonhwa no kɔ Yebusifoɔ anafoɔ fam nkyɛn mu, na ɛsiane kɔ En-rogel ho.

17Na ɛhima kɔ atifi fam, na ɛfiri hɔ kɔ En-semes, na ɛfiri hɔ kɔ Gelilot a ɛda Adumim aforoeɛ no ntentensoɔ, na ɛsiane kɔ Ruben ba Bohan boɔ no ho.

18Na ɛtwam fa atifi fam nkyɛn mu Araba ntentensoɔ, na ɛsiane kɔ Araba.

19Na ɛhyeɛ no twam kɔ Bet-hogla atifi fam nkyɛn mu, na ano kɔduru Nkyene Po atifi fam dɔnnɔn no ho, Yordan anafoɔ fam awieeɛ. Yei ne anafoɔ fam hyeɛ.

20Na Yordan ne n’apueeɛ fam hyeɛ. Yei ne Benyaminfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ teteɛ de hyia, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

21Na Benyaminfoɔ abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no nkuro nie: Yeriko ne Bet-hogla ne Emek-kesis,

22ne Bet-araba ne Semaraim ne Betel,

23ne Awim ne Para ne Ofra,

24ne Kefar-amonai ne Ofni ne Geba: Nkuro dummienu ne ɛho nkuraa.

25Gibeon ne Rama ne Beerot,

26ne Mispe ne Kefira ne Mosa,

27ne Rekem ne Yirpeel ne Tarala,

28Yos 15.63; Ate 1.21 ne Sela, Ha-elef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa. Yei ne Benyaminfoɔ no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help