1 Eks 23.14-17; 34.18-24; Lew 23 Hwɛ bosome Abib na di Twam ma AWURADE wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na AWURADE wo Nyankopɔn yii wo firii Misraim anadwo.
2Enti kum Twam afɔdeɛ no ma AWURADE wo Nyankopɔn, nnwan ne anantwie, faako a AWURADE ayi sɛ ne din ntena no.
3Nni mmɔreka paanoo nka ho; nnanson na di apiti, amanehunu paanoo, ɛfiri sɛ ɛherɛ so na wofirii Misraim asase soɔ, na woakae wo Misraim asase so fire da no, wo nkwa nna nyinaa.
4Na mma wɔnnhunu mmɔreka wɔ wo nkyɛn, w’asase nyinaa so nnanson; nso mma nam a wɔku no da a ɛdi kan anwummerɛ no bi nnka nnkɔsi anɔpa.
5Nkum Twam no wɔ wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no biara mu,
6gye faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no, ɛhɔ na kum Twam no anwummerɛ a owia rekɔtɔ no, wo Misraim fire berɛ no mu;
7na ma no mmen na di no faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ, na adeɛ kye a, woasane akɔ wo ntomadan mu.
8Nnansia na di apiti, na da a ɛtɔ so nson no nyɛ afahyɛ nhyiam mma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara.
9Adapɛn nson na kan fa; da a wɔrefiri aseɛ de kantankrankyi ahyɛ ayuo mu no na firi kan adapɛn nson;
10na di adapɛn dapɔnna ma AWURADE wo Nyankopɔn bɔ wo nsam ayamyi afɔdeɛ sɛdeɛ wahyira woɔ no.
11Deut 16.16; Eks 20.24 Na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu ne ɔhɔhoɔ ne awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ mo mu, faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi sɛ ne din ntena no;
12Deut 5.15 na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na hwɛ na yɛ ahyɛdeɛ yi.
13Di asese nnapɔnna nnanson, berɛ a woaboaboa w’ayuporebea ne wo nsa-kyi-amena mu adeɛ ano no;
14Deut 16.11; 26.11 na ma w’ani nnye wo nnapɔnna no mu, wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa, w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ a wɔwɔ wo kuro apono mu.
15Nnanson na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a wayie hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo, wo nnɔbaeɛ mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.
16Afirinhyia baako mu mprɛnsa na wo mmarima nyinaa mmɛyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ. Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmɛyi wɔn ho adi AWURADE anim.
17Obiara mma deɛ ne nsa bɛso soɔ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn nhyira a ɔde ahyira woɔ no teɛ.
Atemmufoɔ ne atemmuo ho asɛm18 Deut 20.8-9; Num 11.16 Sisi wo so atemmufoɔ ne mpanimfoɔ, wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛdeɛ wo mmusuakuo teɛ no nyinaa mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no.
19Deut 1.17 Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu.
20Asɛntenenee nko ara akyi na die, na woanya nkwa, na woakɔfa asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no.
21 Deut 7.5 Ntɛ nnua biara mfa nyɛ abosompɔ wɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia a worebɛsie no ho;
22Lew 26.1 na mfa ɔboɔ dum nsi hɔ mfa; na AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ ne no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.