Yesaia 40 - Twer? Kronkron(ASWDC)

AWURADE gye ne man nkwa

1Monkyekyere, monkyekyere me man werɛ!

mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

2 Hos 2.14; Sak 9.12 Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem,

na mommɔ no kaseɛ

sɛ n’akodie asa,

sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ,

sɛ ne bɔne nyinaa ho

wanya AWURADE nsam mmɔho.

3 Luk 3.4-6; Yoh 1.23 Obi nne team sɛ: Mommɔ AWURADE kwan, wɔ ɛserɛ so,

montene anwea paradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.

4Wɔbɛma mmonhwa nyinaa so,

na wɔbɛbrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase.

Na deɛ ɛyɛ afuafu bɛyɛ asaseta,

na mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.

5Na AWURADE animuonyam bɛyi ne ho adi,

na honam nyinaa abom ahunu,

ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.

6 1 Pe 1.23-25; Yak 1.10-11; Dwom 90.5-6 Ɛnne bi se: Team!

Na mebisaa sɛ: Menteam sɛn?

Honam nyinaa yɛ wira,

na ne papa nyinaa te sɛ wiram nhwiren.

7Nwira dwan, na nhwiren twam,

na AWURADE home hu fa so.

Ampa, ɔman no yɛ wira.

8 Dwom 119.89; Luk 21.23 Nwira dwan, na nhwiren twam,

na yɛn Nyankopɔn asɛm bɛtim hɔ daa.

9Foro kɔ bepɔ a ɛkorɔn soɔ,

O, Ɔsɛmpakafoɔ Sion.

Ma wo nne so ahoɔden so,

O Ɔsɛmpakafoɔ Yerusalem.

Ma so, nsuro;

ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ:

Hwɛ, mo Nyankopɔn nie!

10 Yes 62.11 Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba,

na ne basa bɛdi nim ama no.

Hwɛ, n’akatua ka ne ho,

na n’ananmuhyɛ di n’anim.

11 Yoh 10.11-12 Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ,

ɔbɛturu nnwammaa ne basa so,

na wasoa wɔn ne kokom;

nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.

Obiara ne AWURADE nsɛ

12Hwan na ɔde ne nsayam susu nsuo,

na ɔto ɔsoro saama,

na ɔde susukoraa hyɛ asase so mfuturo,

na ɔkari mmepɔ nsania mu

ne nkokoɔ nsania nkoraa mu?

13 1 Ko 2.16; Rom 11.34 Hwan na ɔtenetene AWURADE honhom,

na ɔfotufoɔ bɛn na ɔmaa no hunuu adeɛ?

14Ɔne hwan na atu agyina, na wama no ahunu biribi,

na wakyerɛkyerɛ no atemmuo kwan,

na wakyerɛ no nimdeɛ,

na wama no ahunu nhunumu kwan?

15Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ,

na wɔbu wɔn sɛ nsania mu mfuturo bi.

Hwɛ, ɔmema mmepɔ so sɛ mfuturo muhumuhu.

16Na Lebanon nnɔɔso mma ɔhyeɛ,

na ne mmoadoma renso ɔhyeɛ afɔdeɛ.

17Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim;

ɔbu wɔn sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee ne adehunu.

18 Yes 44.9-20; Aso 17.29 Na hwan ho na mode Onyankopɔn bɛtoɔ,

na suban bɛn na mode bɛsusu no?

19Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔguo,

na sikadwumfoɔ de sika adura ho,

na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho;

20deɛ ayɛyɛdeɛ abɔ no no

yi dua a ɛmporɔ;

ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ fa,

na wasene ohoni a ɛnkeka ne ho.

21Monhunui anaa? Montee anaa?

Wɔmfirii mfitiaseɛ nka nkyerɛɛ mo anaa?

Ɛfiri asase nnyinasoɔ so, montee biribiara asase aseɛ anaa?

22 Dwom 104.2 Ɔno na ɔte asase kɔntɔnkrɔn soɔ,

na ɛsotenafoɔ te sɛ ntutummɛ;

ɔno na ɔtrɛ soro mu sɛ twamtam,

na ɔyere mu sɛ ntomadan a wɔtena mu;

23ɔno na ɔma aberempɔn yɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee,

ɔdane asase so atemmufoɔ sɛ ahuhudeɛ.

24Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ,

wɔn dua gyee asase mu nhini ara pɛ,

na wahu afa wɔn so ama wɔakusa

na ahum asoa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛ.

25Na hwan ho na mode me bɛtoɔ

na me ne no asɛ? Ɔkronkronni no na ɔseɛ.

26 Dwom 147.4 Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ

deɛ ɔbɔɔ yeinom!

Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie,

na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn;

ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ

nti, obiara nyera.

27Adɛn nti na, Yakob, woka,

na Israel, wokasa sɛ:

Me kwan ahunta AWURADE,

na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmuo so?

28 Yes 45.12; 40.13 Adɛn wonhunui? Adɛn wonteeɛ?

AWURADE yɛ daa Nyankopɔn,

ɔno na ɔbɔɔ asase awieeɛ no.

Ɔmmrɛ, na ɔmpa aba;

ne nhunumu mu nni ahwehwɛeɛ.

29Ɔno na ɔma deɛ wabrɛ tumi,

na ɔma deɛ ɔnni home ahoɔden dɔɔso.

30Mmabunu mpo brɛ, na wɔpa aba,

na mmeranteɛ hwehwe ase;

31 Dwom 103.5 na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ,

wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ,

wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ,

wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help