Adiyisɛm 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔsɔreɛ wɔ Ɔsoro

1 Adi 1.10 Yei akyiri no, mehwɛe, na hwɛ, wɔahini ɛpono ɔsoro, na ɛnne a metee kane sɛ totorobɛnto a ɛne me kasaeɛ no se: Foro bra ha na mɛkyerɛ wo deɛ ɛtwa sɛ yeinom akyiri no ɛba.

2Adi 1.10; Hes 1.26; 10.1; Yes 6.1 Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so.

3Hes 1.26-28 Na deɛ ɔte soɔ no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛboɔ ne bogyanamboɔ, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.

4Yes 24.23; Adi 3.4; 5.10 Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.

5 Adi 8.5; 11.19; 16.18; Sak 4.2; Adi 1.4 Na anyinam ne ɛnne ahodoɔ ne aprannaa firi ahennwa no mu firii adi, na ogya nkanea nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson no redɛre ahennwa no anim.

6Hes 1.22; 1.5 Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.

7Hes 1.10; 10.14 Na ɔteasefoɔ a ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba, na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no wɔ anim te sɛ onipa, na ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nnan no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtuo.

8Yes 6.3 Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ:

Kronkron, kronkron, kronkron

ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ

a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.

9Na sɛ ateasefoɔ no de animuonyam ne anidie ne aseda ma deɛ ɔte ahennwa no soɔ, a ɔte ase daa daa no a,

10Adi 5.14 mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwe ase, deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim, na wɔkoto deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔyiyi wɔn abotire no gu ahennwa no anim ka sɛ:

11Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ

wogye animuonyam ne anidie ne tumi,

ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa,

na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help