1 Samuel 24 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yie a Dawid yɛɛ Saulo

1Na Saulo sane firii Filistifoɔ akyi baeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ En-gedi serɛ so.

2Ɛnna Saulo faa mmarima mpensa a wɔayi wɔn afiri Israel nyinaa mu, na ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne nnipa no Nkakragya Abotan soɔ.

3Dwom 142.1 Na ɔduruu nnwammuo a ɛwɔ ɛkwan no soɔ no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saulo hyɛnee mu sɛ ɔrekɔgya ne nan. Na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa.

4Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ, no nie. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kɔtwaa Saulo batakari ano.

5Na ɛno akyiri no, Dawid akoma bɔɔ no paripari sɛ watwa Saulo atadeɛ ano.

62 Sa 1.14; Dwom 105.15 Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma no mpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no adeɛ a ɛte sɛɛ, sɛ mɛtene me nsa maka no, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no.

7Na Dawid de nsɛm yi bɔɔ ne nnipa no pem, na wampene amma wɔansɔre antia Saulo. Na Saulo sɔre firii ɔbodan no mu sii ne kwan so.

8Na ɛno akyiri no, Dawid nso sɔre firii ɔbodan no mu firii adi, na ɔhyɛɛ Saulo mmɔn sɛ: Me wura, ɔhene! Na Saulo hwɛɛ n’akyiri no, Dawid bɔɔ ne tiri ase na ɔkotoe;

9na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na wotie nnipa nsɛm a wɔkeka sɛ: Hwɛ, Dawid pɛ wo bɔne, no?

10Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’ani ahunu sɛdeɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkaa sɛ menku wo, na medodoo wo ho, na mese: Merentene me nsa menka me wura, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no.

11Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ wo batakari ano kura me nsam. Na ɛnam sɛ matwa wo batakari ano na manku woɔ yi, hunu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne biara, nso wo deɛ, worepɛ me aku me.

12Rom 12.19; 1 Pe 2.23 AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔdeɛ wo nsam. Na me nsa deɛ, ɛrenka wo.

13Sɛdeɛ tete bɛ no ka no “Abɔnefoɔ so na bɔne fire”, na me nsa deɛ, ɛrenka wo.

14Hwan akyi na Israel hene atu die yi? Hwan na woreti no yi? Ɔkraman funu akyi, ɔkraman dwie baako akyi.

15Na AWURADE nyɛ ɔtemmufoɔ, na ɔmmu me ne wo ntam atɛn, na ɔnhunu na ɔnni m’asɛm mma me, na ɔmmu me atɛn nyi me wo nsam.

16Na Dawid kaa nsɛm yi kyerɛɛ Saulo wieeɛ no, Saulo kaa sɛ: Wo nne nie, me ba Dawid? Na Saulo maa ne nne so suiɛ.

17Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wotene kyɛne me, ɛfiri sɛ wode papa atua me ka, na me deɛ, mede bɔne matua wo ka.

18Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yie, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woanku me.

19Na sɛ obi to ne tamfo a, ɔbɛma no de ne ho sɔnn akɔ anaa? Enti AWURADE ntua wo ka pa nhyɛ deɛ woayɛ me nnɛ yi ananmu.

201 Sa 23.17 Na afei, hwɛ, menim sɛ wobɛdi hene, na Israel ahennie bɛtim wɔ wo nsam;

21na afei ka me AWURADE ntam sɛ worentwa m’asefoɔ a wɔbɛdi m’akyire ngu, na worempepa me din mfiri m’agya fie.

22Na Dawid kaa Saulo ntam no. Na Saulo sii mu kɔɔ fie; na Dawid ne ne nnipa no foro kɔɔ bepɔ so atenaeɛ no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help