Yesaia 55 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn dom frɛ

1 Yoh 7.37; Adi 22.17 Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa,

mommra nsuo ho,

na mo a monni sika no,

mommra mmɛtɔ, na monni.

Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo;

ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.

2Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane,

ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ ɛmmee mo?

Montie me ɛ, monni nnepa,

na sradeduane nyɛ mo kra dɛ.

3 Yer 31.31-34; Dwom 89.2-4; Aso 13.34 Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn,

montie, na mo kra nnya nkwa.

Na me ne mo bɛpam daa apam,

Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.

4Hwɛ, mede no mayɛ aman danseni,

aman safohene ne mmarahyɛni.

5Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wonni wɔn aba,

na aman a wɔnni woɔ no de mmirika bɛba wo nkyɛn,

AWURADE wo Nyankopɔn nti ne Israel Kronkronni no nti,

ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.

6 Yer 29.13 Monhwehwɛ AWURADE, berɛ a ɔma wɔhu no no,

momfrɛ no berɛ a ɔbɛn no.

7 Hes 33.11; Dwom 130.4 Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya,

na onipa huhuo nnane n’adwene nnya,

na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no,

ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.

8Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene,

na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, AWURADE asɛm nie;

9 Dwom 92.5 na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no,

saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan,

na m’adwene nso sene mo adwene.

10Na sɛdeɛ osuo ne sukyerɛmma firi soro gu fam

na ɛnsane nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asase ansa

ma no ba aduane na ɛso aba,

na ɛde aba ma ogufoɔ ne aduane ma odifoɔ no,

11 Mat 13.8 saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anomu bɛyɛ:

Ɛrensane mma me nkyɛn kwa,

na mmom gye sɛ ɛyɛ deɛ mepɛ

na ɛwie deɛ enti a mesomaa no no.

12 Yes 44.23 Na anigyeɛ na mode bɛfiri akorɔ,

na wɔde asomdwoeɛ agya mo kwan.

Mo nti mmepɔ ne nkokoɔ bɛto anigyeɛ dwom prɛko pɛ,

na wiram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam.

13Pepeaa bɛfifiri asi nkasɛɛ ananmu,

na ohwamdua bɛfifiri akraateɛ ananmu;

na ɛbɛyɛ din ama AWURADE

ne daa nsɛnkyerɛnneɛ a wɔrentwa ntwene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help