1 Ariel,
kuro a Dawid bɛtenaa mu no!
Momfa afe nka afe ho,
momma afahyɛ ntwa nhyia.
2Na mɛma Ariel ho akyere no,
na abooboodie ne abubuo bɔ aba,
na adane me sɛ Ariel
3 Luk 19.43 Na mɛbɔ wo ho nsraban ahyia,
na mede nsrafoɔ atwa wo ho kanko,
na mahɔre wo ho pie atia wo.
4Na wobɛhwe ase, ɛfam na wofiri bɛkasa,
mfuturo mu na w’asɛm bɛfiri ayɛ huhuhuhu;
wo nne bɛyɛ sɛ ɔsaman deɛ afiri fam,
na mfuturo mu na w’asɛm bɛfire aba sɛ asomsɛmka.
5Na w’atamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu,
na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a ɛsene korɔ,
na ɛbɛba mpofirim, amonom.
6 Yes 30.30 Asafo AWURADE bɛba abɛsra wo,
ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne gyegyeegye kɛseɛ,
kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ na ɛbɛba.
7Na amanaman bebrebe a wɔatu Ariel so sa no nyinaa,
wɔn a wɔtoa no ne n’aban, hiahia ne ho no nyinaa,
bɛyɛ sɛ daeɛ, wɔ anadwo adehunu mu.
8Na ɛbɛyɛ sɛ, obi a ɛkɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔredidie,
na ɔnyane a, ɛkɔm da so de no,
anaasɛ, deɛ sukɔm de no so daeɛ, na hwɛ, ɔrenom nsuo,
na ɔnyane a, na watɔ piti, na sukɔm da so de no,
saa ara na amanaman bebrebe a
wɔabɛtu Sion bepɔ so sa no nyinaa bɛyɛ.
Ɔman no anifira9Mo ani so nyɛ mo yaa na mo ho nnwiri mo,
monkeka mo ani mfemfam so na mo ani mfira.
Mommoboro, nanso mommfa nsa;
montotɔ ntintan, nanso mommfa nsaden!
10 Yes 6.10; 19.14; Rom 11.8 AWURADE de
nnahɔɔ honhom agu mo so,
na wamuamua mo ani a ɛne adiyifoɔ no,
na mo tiri a ɛne adehunufoɔ no, wakata so.
11Na yei nyinaa ho adehunu abɛyɛ mo sɛ nwoma a wɔasɔ anomu nsɛm, wɔde ma deɛ ɔnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mentumi, na wɔasɔ ano!
12anaasɛ, wɔde ma deɛ ɔnnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mennim nwoma!
13 Yes 1.15; 58.2-3; Mat 15.8-9 Na AWURADE se:
Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me,
na wɔde wɔn anofafa na ɛdi me ni,
na wɔn akoma deɛ, wɔayi afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri,
na suro a wɔsuro me no ayɛ nnipa ahyɛdeɛ a wɔasua nko ara nti,
14Yes 44.25; 1 Ko 1.19 hwɛ, mɛkɔ so ara na
me ne ɔman yi adi no anwanwasɛm mu.
Mɛma no ayɛ nwanwa ne ahodwiri, na wɔn anyansafoɔ nyansa ayera, na wɔn nhunumufoɔ nhunumu so akata.
15 Dwom 10.11 Wɔnnue, wɔn a wɔde wɔn agyinatuo hunta AWURADE fee,
na wɔn nneyɛɛ wɔ esum mu,
na wɔka sɛ: Hwan na ɔhu yɛn, anaa hwan na ɔni yɛn?
16 Yes 45.9 Mosisi nnoɔma tiri ase!
Wɔbu ɔnwomfoɔ sɛ dɔteɛ,
na anwonneɛ aka akyerɛ ne yɛfoɔ sɛ:
Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me,
anaa anwonneɛ aka akyerɛ ɔnwonfoɔ sɛ:
Ɔnnim de?
Nsakyeraeɛ a ɛyɛ nwanwa17 Yes 32.15 Ɛnyɛ kakraa bi na aka
na Lebanon adane nnuaba turo,
na nnuaba turo nso, wɔabu no sɛ kwaeɛ?
18 Yes 35.5 Ɛda no, asotifoɔ bɛte
nwoma mu nsɛm no,
na anifirafoɔ ani afiri kusuu ne sum mu
ahunu adeɛ;
19na wɔn a wɔdwoɔ bɛnya AWURADE mu anigyeɛ foforɔ,
na nnipa mu ahiafoɔ ho asɛpɛ wɔn, Israel Kronkronni no mu;
20na tirimuɔdenfoɔ ayɛ ɔkwa, na ahiyifoɔ asa,
na wɔatwa wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm nyinaa atwene,
21 Amos 5.10 wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano,
na wɔsum deɛ ɔtenetene wɔ kuro pono mu no fidie,
na wɔde asɛnhunu tu ɔteneneeni asɛm guo.
22Enti sɛdeɛ AWURADE a ɔgyee Abraham no ka kyerɛɛ Yakob fie nie:
Afei Yakob ani renwu bio,
na afei n’anim rento fitaa bio.
23Na sɛ ɔhunu ne mma,
a wɔyɛ me nsa ano adwuma wɔ wɔn mfimfini a,
wɔbɛdwira me din ho.
Wɔbɛyɛ Yakob Kronkronni no kronkron,
na wɔde suro agyina Israel Nyankopɔn no anim.
24Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ,
na anwiinwiifoɔ nso bɛsua adeɛ a wɔkyerɛ afa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.