1 Makabee 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Matatias ne ne mma

1Ɛberɛ no mu, Matatias a n’agya ne Yohane, a n’agya ne Simeon a ɔyɛ ɔsɔfoɔ a ɔfiri Yoarib firii Yerusalem bɛtenaa Modein.

2Ɔwoo mmammarima nnum, Yohane a ne din pa ne Gadi,

3Simon a wɔfrɛ no Tasi,

4Yuda a wɔfrɛ no Makabeus,

5Eleasa a wɔfrɛ no Awaran, ne Yonatan a wɔfrɛ no Afus.

6Ɔhunuu abususɛm a na wɔreyɛ no wɔ Yuda ne Yerusalem,

7na ɔkaa sɛ:

Ampa ara! Adɛn nti koraa na wɔwoo me sɛ menhu yei,

me nkurɔfoɔ sɛeɛ, kuro kronkron no sɛeɛ,

na metena hɔ wɔ ɛberɛ a wɔadane ama m’atamfoɔ,

na wɔde kronkronbea no ama ananafoɔ?

8N’asɔredan adane ayɛ sɛ onipa a ɔnni animuonyam;

9wɔasesa n’animuonyam nnoɔma de kɔ dommum mu.

Wɔakunkum ne mmɔtafowa wɔ mmɔntene so,

na wɔde ɔtamfo no afena akunkum ne mmabunu.

10Ɔman bɛn na wɔnnyaa kyɛfa wɔ ne nhemfie mu

na wɔnnyee n’asadeɛ?

11Wɔafa n’ahyehyɛdeɛ nyinaa kɔ;

ɔnne ne ho bio, wabɛdane akoa.

12Na hwɛ, yɛn kronkronbea, yɛn ahoɔfɛ,

ne yɛn animuonyam abɛda hɔ mpan;

Amanaman mufoɔ agu ho fi.

13Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena aseɛ?

14Afei Matatias ne ne mmammarima no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔfiraa ayitoma, na wɔsui pa ara.

Wɔpo abosonsomfoɔ som

15Ɔhene asomfoɔ a na wɔhwɛ ma ahuhusɛm kɔ so no baa Modein kuro mu sɛ wɔrebɛma wɔn abɔ afɔdeɛ.

16Nnipa bebree firi Israel baa wɔn nkyɛn; na Matatias ne ne mmammarima no bɔɔ dwa.

17Afei ɔhene asomfoɔ no ka kyerɛɛ Matatias sɛ: Woyɛ ɔkannifoɔ a wowɔ animuonyam na woyɛ kɛseɛ wɔ kuro yi mu, na wo mmammarima ne wo nuanom taa w’akyi.

18Di kan bra seesei ara na bɛyɛ deɛ ɔhene ahyɛ no, sɛdeɛ Amanaman mufoɔ ne nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa ne nnipa nkaeɛ a wɔwɔ Yerusalem no ayɛ no. Ɛno ansa na wɔbɛkan wo ne wo mmabarimanom aka ɔhene Adɔfoɔ ho, na wɔde sika ne dwetɛ ne akyɛdeɛ bebree bɛhyɛ wo animuonyam.

19Nanso Matatias de nne kɛseɛ bua kaa sɛ: Sɛ aman a wɔhyɛ ɔhene ase no nyinaa tie no, na wɔpene sɛ wɔbɛdi ne mmara so, na obiara agya wɔn nananom som mpo a,

20me ne me mmammarima ne me nuanom bɛkɔ so ara atena yɛn nananom apam no mu.

21Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛgya mmara ne ahyɛdeɛ no.

22Yɛrentie ɔhene nsɛm no sɛ yɛredane afiri yɛn som ho akɔ nifa anaasɛ benkum.

23Ɛberɛ a ɔwiee nsɛm yi ka no, Yudani bi firii adi berɛ a aniwa nyinaa tua no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so wɔ Modein, sɛdeɛ ɔhene mmara no teɛ no.

24Ɛberɛ a Matatias hunuiɛ no, ninkunu dɛree ne mu na n’akoma kanyanee. Ɔde anibereɛ kasaa wɔ tenenee abufuo so; na ɔtuu mmirika kɔkumm no wɔ afɔrebukyia no so.

25Ɛberɛ korɔ no ara mu, ɔkumm ɔhene somfoɔ a na ɔrehyɛ wɔn ama wɔabɔ afɔdeɛ no, na ɔbubuu afɔrebukyia no.

26 na wɔsiee no wɔ ne nananom da a ɛwɔ Modein no mu. Na Israel nyinaa de kwadwom suu no kɛseɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help