Nnwom 48 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Sion yɛ Nyankopɔn kuroKora mma dwom.

1 Dwom 46.4 AWURADE yɛ kɛse, na wɔyi no ayɛ sɛ,

yɛn Nyankopɔn kuro mu,

ne bepɔ kronkron so.

2 Kwa 2.15; Mat 5.35 Tenabea a ɛyɛ fɛ,

asase nyinaa anika,

ɛne Sion bepɔ,

atifi fam nkyɛn mu no,

ɔhenkɛseɛ kuro no.

3Onyankopɔn ama wɔahu no

kuro yi aban mu sɛ abankɛseɛ.

4 2 Ah 19 Na hwɛ, ahemfo bɛhyiae,

wɔboom yuu bae.

5Wɔbɛhunui, wɔn ho dwirii wɔn,

wɔbɔɔ hu, na wɔdwanee tonom.

6Nketenkete kutaa wɔn,

yea kaa wɔn sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.

7Wode apueeɛ mframa

bobɔɔ Tarsis ahyɛn.

8Sɛ yɛteeɛ no, sɛ yɛhunuu no ne no,

asafo AWURADE kuro mu,

yɛn Nyankopɔn kurom,

Onyankopɔn ma n’ase tim daa.

9Onyankopɔn, yɛkaee w’adɔeɛ

w’asɔrefie hɔ.

10Onyankopɔn, sɛ wo din teɛ no,

saa na w’ayeyie teɛ de kɔsi asase ano ano;

tenenee ahyɛ wo nsa nifa ma.

11Ma Sion bepɔ ani nnye,

ma Yuda mmammaa nni ahurisie

w’atemmuo nti.

12Momfa Sion ho ntwa ho kɔntɔnkrɔn,

monkan n’abantenten,

13momfa mo ani nkari n’afasuo,

monhwehwɛ n’aban mu yie,

na moaka akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛdi mo akyire no,

14 Yes 25.9 sɛ saa Nyankopɔn yi yɛ

yɛn Nyankopɔn daa daa,

ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ de akɔsi owuo mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help