1 bɛdwiri wɔn afɔrebukyia agu,
na wasɛe wɔn ahoni adum no.
3Na afei wɔbɛka sɛ:
Yɛnni hene,
ɛfiri sɛ yɛansuro AWURADE,
na ɔhene nso, ɛdɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?
4Wɔakeka nsɛm,
wɔakeka ntanhunu de apam apam,
na atemmuo fu sɛ nkonyabi
wɔ afuo mu nkofie so.
5 Hos 10.15; 4.15 Bet-awen nantwie mma nti
na Samariafoɔ bɛsuro;
na ne man di ne ho abooboo,
na n’asɔfoɔ ho popo n’animuonyam ho,
sɛ wɔatu afiri wɔn mu korɔ.
6 Hos 5.13 Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Asiria
de akɔkyɛ Ɔhene Yareb.
Aniwuo bɛka Efraim,
na Israel ani awu n’agyinatuo ho.
7Samaria deɛ, wɔbɛtwa ne hene atwene
sɛ nsuo ani ahuro.
8 Hos 9.6; Luk 23.30; Adi 6.16 Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea
a ɛne Israel bɔne no;
nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse
bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so,
na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so!
ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so!
9 Hos 9.9 Israel, wofiri Gibea nna no so ayɛ bɔne;
ɛhɔ na wɔtoaa soɔ;
Gibea sa a wɔtuu no mmabusufoɔ no soɔ no anto wɔn.
10Ɛberɛ a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so
abɛtua wɔn wɔn amumuyɛ mmɔho no so ka.
11Na Efraim yɛ nantwiburuwa
a wɔakyerɛ no na ɔpɛ ayuporeɛ,
nanso mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ no so;
mɛma Efraim atwe adeɛ,
Yuda bɛfuntum,
Yakob bɛka asram so afa.
12 Yer 4.3; Yes 55.6 Mongu aba mma tenenee mfifiri mma mo,
montwa adɔeɛ so adeɛ.
Monnɔ kwaeɛbirentuo mfa,
na aduru berɛ a wɔde hwehwɛ AWURADE akyiri kwan,
kɔsi sɛ ɔbɛba abɛtɔ tenenee suo ama mo.
13 Hiob 4.8 Moafuntum abɔnefosɛm, mmusuo na moatwa,
moadi atorɔ aba.
Na wode wo ho too wo kwan,
wo nnɔmmarima dodoɔ no so.
14Enti hooyɛ bɛsɔre wo man no mu,
na wɔabɛsɛe w’abandenden nyinaa,
sɛdeɛ Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no,
wɔbɛtete ɛna mu agu mma so.
15Saa na ayɛ mo:
Betel mo bɔne mu bɔne no nti;
adeɛ reba abɛkye no
na wɔayi Israel hene no hɔ koraa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
