Deuteronomium 15 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Afe a ɛtɔ so nson no ho mmara

1 Eks 23.10-11 Mfirinhyia nson biara awieeɛ no, gya biribi mu kyɛ.

2Na sɛdeɛ wɔnnyaa mu nkyɛ nie: Ɔdefɛmni biara a ɔde biribi afɛm ne yɔnko mfa nkyɛ no; ɔnnhyɛ ne yɔnko ne ne nua sɛ ɔntua, ɛfiri sɛ wɔapae no adekyɛ afe ama AWURADE.

3Ɔnanani deɛ, hyɛ no ma no ntua, nanso wo biribi a ɛwɔ wo nua nkyɛn deɛ, fa kyɛ.

4Anka ɛnsɛ sɛ ohiani wɔ wo mu, ɛfiri sɛ hyira na AWURADE bɛhyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ agyapadeɛ a kɔfa no so.

5Tie nko na tie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ adi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so.

6Deut 28.12 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ woɔ no, na wode afɛm amanaman pii, na wo deɛ, worenkɔfɛm, na wobɛdi amanaman pii so, na wo deɛ, wɔrenni wo so.

7 1 Yoh 3.17 Sɛ wo nuanom mu biara dane ohiani wɔ kuro biara apono mu, w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, mpirim w’akoma, na mmua wo nsa so ntia wo nua hiani.

8Luk 6.34-35 Na bue wo nsam ma no, na fɛm no deɛ ɛbɛso ne hia a ɛhia no no.

9Hwɛ yie na w’akomam amma ahuhusɛm bi sɛ: Afe a ɛtɔ so nson, gyae-mukyɛ afe no abɛn, na woannya wo nua hiani no ho adwemmɔne sɛ woremma no hwee, na wanteam amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne.

10Yi wo yam ma no, na mma no nnyɛ w’akoma ahi sɛ wobɛma no; na saa adeɛ yi nti AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo, wo nnwuma nyinaa ne deɛ wode wo nsa bɛka nyinaa mu.

11Mat 26.11; Yes 58.7; Yak 2.15-16 Na ohiani rempa w’asase so, enti na merehyɛ wo sɛ, bue wo nsam ma wo nua, wo mmɔborɔni ne wo hiani a ɔwɔ w’asase soɔ.

12 Eks 21.2 Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini, ɔbarima anaa ɔbaa ma wo, na ɔsom wo mfirinhyia nsia a, afe a ɛtɔ so nson no gya no kwan ma no mfiri wo nkyɛn mfa ne ho nkɔdi.

13Na sɛ woregya no kwan ama no afa ne ho afiri wo nkyɛn akɔdi a, mma no nnkɔ nsapan:

14Fa wo nnwan ne w’ayuporebea ne wo nsakyi-amena no bi kyɛ no; adeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no bi na fa ma no.

15Deut 5.15 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo; enti na nnɛ merehyɛ wo mmara yi.

16Na sɛ ɛba sɛ ɔka kyerɛ wo sɛ: Meremfiri wo nkyɛn, na medɔ wo ne wo fie, ɛfiri sɛ ɔdi yie wɔ wo nkyɛn a,

17ɛnneɛ fa fitiiɛ fiti n’aso mu aponnwa ho na ɔnyɛ w’akoa daa; na w’afenaa nso yɛ no saa ara.

18Mma no nnyɛ wo den sɛ wobɛgya no kwan na wafa ne ho afiri wo nkyɛn akɔdie, na wasom wo mfirinhyia nsia ayɛ ɔpaani akatua mmienu ho adeɛ; na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo deɛ woyɛ nyinaa mu.

19 Eks 13.2 W’anantwie ne wo nnwan mmakan anini a wɔbɛwoɔ no, yɛ wɔn kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Mfa wo nantwie abakan nyɛ adwuma, na ntwitwa wo nnwan abakan ho.

20Deut 14.23 AWURADE wo Nyankopɔn anim na di no daa afirinhyia, faako a AWURADE bɛyie no, wo ne wo fie.

21Lew 22.20 Na sɛ ɛdɛm bi wɔ ne ho, ɔtɔ apakye anaasɛ n’ani afira, anaasɛ ɛdɛmmɔne biara wɔ ne ho a, mfa no mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔdeɛ;

22Deut 12.15, 22 wo kuro apono mu na die, deɛ ne ho nteɛ ne deɛ ne ho teɛ nyinaa, sɛdeɛ wɔdi ɔwansane ne ɔforoteɛ no;

23Lew 3.17; Deut 12.16, 23 ne mogya nko na nnie, hwie gu fam sɛ nsuo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help