Yosua 17 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Manase kyɛfa

1 Num 26.29; Yos 13.31 Na ntonto no yii Manase abusuakuo deɛ, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, ɛfiri sɛ ɔyɛ dɔmmarima.

2Na ɛyii Manase mma a aka no deɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, Abi-eser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma; yeinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

3 Num 26.33; 27.1 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad no nni mmammarima, na mmammaa na ɔwɔ. Na yeinom ne ne mma mmaa no din, Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

4Na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkaa sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapadeɛ, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anomu asɛm no so maa wɔn agyapadeɛ wɔn agya nuanom no mu.

5Na Manase nkyekyɛmu a ɔnyaeɛ no yɛ du, ɛsono Gilead ne Basan asase a ɛwɔ Yordan agya no.

6Na Manase mmammaa no nyaa agyapadeɛ wɔ ne mmammarimanom no mu, na Gilead asase no yɛɛ Manase mma nkaeɛ no deɛ.

7Na Manase hyeɛ no firi Aser kɔ Mikmetat a ɛda Sekem apueeɛ no, na ɛhyeɛ no kɔ anafoɔ fam, En-tapuafoɔ no ho.

8Tapua asase yɛɛ Manase deɛ, na Tapua kuro a ɛwɔ Manase hyeɛ soɔ no yɛ Efraimfoɔ no deɛ.

9Yos 16.9 Na ɛhyeɛ no siane kɔ Kana subonhwa no ho, subonhwa no anafoɔ fam. Ɛhɔ nkuro a ɛyɛ Manase nkuro no yɛɛ Efraim deɛ. Na Manase hyeɛ no wɔ subonhwa no atifi fam, na ano kɔka mpoano.

10Anafoɔ fam no yɛɛ Efraim deɛ, na atifi fam deɛ yɛɛ Manase deɛ, na ɛpo no ne ɛhyeɛ. Na wɔne Aser bɔɔ hyeɛ atifi fam, na wɔne Isakar bɔɔ no apueeɛ.

11Ate 1.27; 1 Sa 28.7 Na nkuro a Manase nyaa no Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkuro ne Yibleam ne ɛho nkuro ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkuro ne En-dorfoɔ ne ɛho nkuro ne Taanakfoɔ ne ɛho nkuro ne Megidofoɔ ne ɛho nkuro, nkokoɔ mmiɛnsa so amantoɔ no.

12Yos 15.63 Nanso Manasefoɔ antumi antu nkuro no mufoɔ, na Kanaanfoɔ no pɛɛ asase no so tena.

13Yos 16.10 Na Israelfoɔ ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn.

Yosef mma nya kyɛfa foforɔ

14Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnam deɛn so na woma me agyapadeɛ ntonto baako ne susuhoma baako? Na me deɛ, meyɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira me de abɛduru sɛsɛɛ.

15Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ a, foro kɔ kwaeɛ no mu kɔbu hɔ fa, Perisifoɔ ne abrane no asase so, ɛfiri sɛ wonsene Efraim mmepɔ so.

16Na Yosef mma no kaa sɛ: Bepɔ no nso yɛn, nso Kanaanfoɔ a wɔte mpaperɛ mu hɔ nyinaa wɔ dadeɛ nteaseɛnam, wɔn a wɔte Bet-sean ne ɛho nkuro mu ne wɔn a wɔte Yesreel bonhwa no mu nyinaa.

17Na Yosua ka kyerɛɛ Yosef fie, Efraim ne Manase sɛ: Ɔman kɛseɛ ne wo, na wowɔ ahoɔden kɛseɛ, ɛnyɛ ntonto baako pɛ na wobɛnya,

18na mmom bepɔ no nyɛ wo deɛ; ɛwom sɛ ɛyɛ kwaeɛ deɛ, nanso bu fa, kɔsi deɛ ano bɛka. Na Kanaanfoɔ no, sɛ wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ mpo a, wobɛtu wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help