Deuteronomium NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUDeuteronomium mu nsɛm no fa nsɛm ahodoɔ a wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ berɛ a wɔwɔ Moab asase so no ho. Mose nsɛm ahodoɔ yi na wɔaboaboa ano ahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ wɔ Deuteronomium nwoma no mu. Israelfoɔ firii Misraim kɔduruu Moab. Ɛhɔ na wɔn ɛserɛ so akwantuo tentene no de wɔn bɛdurui ma wɔgyee wɔn ahome. Ɛha nso na wɔfiri boaboaa wɔn ho sɛ wɔrekɔ akɔfa Kanaan asase no atena so.Nsɛm titire a wɔatwerɛ wɔ nwoma no mu no bi ne:1. Mose kae Israelfoɔ no nsɛm titire a ɛsisiiɛ wɔ mfeɛ aduanan (40) a atwa mu kɔ no. Mose tuu wɔn fo sɛ wɔmfa wɔn ani nto deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wɔn wɔ wɔn ɛserɛ so akwantuo mu no so, na wɔntie Onyankopɔn asɛm nni n’akyi nokorɛ mu.2. Mose ti Mmara nsɛm Du no mu kyerɛ wɔn. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn mmara nsɛm no ase, ne titire no, mmara nsɛm no mu deɛ ɛdi kan no. Ɔtuu wɔn fo nso sɛ wɔnsom AWURADE nkutoo. Afei ɔtii mmara nsɛm ahodoɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn sɛ sɛ wɔkɔduru bɔhyɛ asase no so a, wɔnni so no mu.3. Mose kae wɔn kyerɛɛ wɔn apam a Onyankopɔn ne wɔn pamee no ase na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ nni Onyankopɔn apam no so.4. Wɔsi Yosua panin sɛ ɔpanin foforɔ a wɔnni Onyankopɔn man no anim. Mose too ayeyidwom de kamfo Onyankopɔn nokorɛdie na wɔhyiraa Israelman no. Ɛno akyi no Mose wui wɔ Moab asase no so Asuo Yordan famu. Asɛm titire a nwoma no gyina so no ne Onyankopɔn agye ne nkurɔfoɔ a wayi wɔn na ɔdɔ wɔn no, ne nhyira a ɔhyiraa wɔn no ho. Na ɔhyɛɛ wɔn ase sɛ, ne man no nkae yei, na wɔn nso wɔnnɔ Onyankopɔn na wɔntie n’asɛm, na wɔnni so. Wɔyɛ saa a, na wɔbɛnya nkwa na wakoto ahyira wɔn. Nsɛm a ɛdi mu wɔ nwoma no mu ne deɛ ɛwɔ 6.4-6 mu no. Ɛno no mu yɛhunu nsɛm a Yesu too no din sɛ mmara nsɛm no nyinaa mu kɛseɛ. Ɛno na ɛka sɛ, “Firi w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu dɔ AWURADE wo Nyankopɔn”.EMU NSƐMMose nsɛm a ɔka dii kan 1.1—4.49Mose nsɛm a ɔkae a ɛtɔ so mmienu 5.1—26.191. Mmara nsɛm Du no 5.1—10.222. Ahyɛdeɛ, nhyehyɛɛ ne kɔkɔbɔ nsɛm 11.1—26.19Kanaan asase so kɔ ho nhyehyɛɛ 27.1—28.68Wɔhyɛɛ apam no mu den 29.1—30.29Mose nsɛm a ɛdi akyire 31.1—33.29Mose wuo 34.1-12
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help