2 Timoteo NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUPaulo krataa a ɛtɔ so mmienu a ɔde kɔmaa Timoteo no yɛ afotuo a ɔde maa n’abɔfra Timoteo a ɔsane yɛ ne boafoɔ no. Asɛm titire a ɛwɔ mu ne boasetɔ. Ɔtu Timoteo fo sane hyɛ no den sɛdeɛ ɔbɛkɔ so adi Yesu Kristo ho adanseɛ nokorɛ mu, na wakura nokorɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Asɛmpa no ne Apam Dada no ho mu. Ɔse: Ɔnyɛ n’asɛdeɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛni ne ɔsɛmpakani wɔ ɔtaa ne amanehunu mu.Ade titire a ɔbɔɔ Timoteo kɔkɔ wɔ ho ne “nkwasea akyinnyeɛ ne biribi a ɔnnim ho akyinnyeɛ” a ɛmfa biribi pa biara mma, na mmom ɛsɛe wɔn a wɔtie no no.Ne nyinaa mu na ɔtwerɛfoɔ no kae Timoteo ɔno ara n’abrabɔ ne ne botaeɛ nhwɛsoɔ — ne gyidie, n’aboterɛ, ne dɔ, ne boasetɔ, n’amanehunu wɔ ɔtaa mu.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-2Ayeyie ne afotusɛm 1.3—2.13Afotuo ne kɔkɔbɔ 2.14—4.5Paulo tebea mu 4.6-8Awieeɛ 4.19-22
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help