Eksodɔs 36 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔde ayɛyɛdeɛ no brɛ adwumfoɔ no

1Na Besalel ne Oholiab ne wɔn a AWURADE ama wɔn nimdeɛ ne nhunumu sɛ wɔnhunu adeɛ no yɛ nyinaa na wɔbɛyɛ kronkronbea ɔsom no ho adwuma sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no.

2Na Mose frɛɛ Besalel, Oholiab ne animdefoɔ a AWURADE de nyansa ahyɛ wɔn akoma mu nyinaa, wɔn a wɔn akoma kanyan wɔn sɛ wɔmmra adwuma no ho mmɛyɛ nyinaa.

3Na wɔgyee mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de baa sɛ wɔmfa nyɛ kronkronbea som ho adwuma no nyinaa Mose anim sɛ wɔde bɛyɛ. Na wɔkɔɔ so ara de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ no daa anɔpa.

4Na adwumfoɔ a wɔyɛ kronkronbea no ho adwuma nyinaa firi wɔn nnwuma a wɔreyɛ no ho ba

5bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman no ama deɛ wɔde ba no adɔɔso sene deɛ ɛbɛso adwuma a AWURADE hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no.

6Na Mose hyɛ maa wɔpaee no nsraban no mu sɛ: Ɔbarima oo, ɔbaa oo, obiara mmfa biribi mmmɛyɛ kronkronbea no ho mmasoɔ afɔrebɔdeɛ bio.

7Ɛnna ɔman no de gyaee ba. Ɛfiri sɛ na deɛ wɔanya no dɔɔso ma adwuma no nyinaa sɛ wɔde bɛyɛ ama ebi aka.

Apam adaka no yɛ(Eksodɔs 26.1-37)

8 Eks 26.1-14 Na wɔn a wɔyɛ adwuma no animdefoɔ nyinaa yɛɛ tenabea no; wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛɛ ntoma du, kerubim a ɛyɛ ntomanwono mu adwini na wɔde yɛeɛ.

9Ntoma biara tentene yɛ basafa dunan, na ntoma biara tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu; ntoma no nyinaa nsusuiɛ yɛ bafua.

10Na ɔde ntoma no nnum toatoaa so maa baako toaa baako so, na ɔde ntoma no nnum nso toatoaa so maa baako toaa baako so.

11Na ɔde bibire bobɔɔ ntoma baako mmuano so nkantankoraa wɔ ano wɔ ntoaeɛ no mmuano so wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no so;

12nkantankoraa aduonum na ɔbobɔɔ no ntoma baako ano, na nkantankoraa aduonum nso na ɔbobɔɔ no ntoma a ɛwɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ no ano; nkantankoraa no dii mmɔanim.

13Na ɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na ɔde nkɔtɔkorɔ no koakoaa ntoma no, na tenabea no yɛɛ fua.

14Na ɔyɛɛ mmirekyie nwi ntoma de yɛɛ ntomadan wɔ tenabea no so; ntoma dubaako na ɔyɛeɛ.

15Ntoma baako tentene yɛ basafa dunum, na ntoma baako tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu; ntoma dubaako no nsusuiɛm yɛ pɛ.

16Na ɔde ntoma no nnum toatoaa so yɛɛ no bafua, na ɔde nsia nso toatoaa so yɛɛ no bafua.

17Na ɔbobɔɔ nkantankoraa aduonum, ntoma a ɛdi akyire no mmuano so, wɔ ntoaeɛ no so, na ɔbobɔɔ nkantankoraa aduonum nso wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ntoma no mmuano so.

18Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ nkɔtɔkorɔ aduonum de koakoaa ntomadan no na ayɛ bafua.

19Na ɔde adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ ntomadan no nkatasoɔ, na ɔde sukraman nwoma yɛɛ ɛno so nkatasoɔ.

20 Eks 26.15-25 Na ɔde okuo yɛɛ tenabea no ntaaboɔ a ɛsisi hɔ no.

21Taaboɔ baako tentene yɛ basafa nnum, na taaboɔ baako tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.

22Ɛnan mmienu tuatua taaboɔ baako ase, na biribi sosɔ ɛnan baako ne baako mu. Saa na ɔyɛɛ tenabea ntaaboɔ no nyinaa ho.

23Na ɔyɛɛ tenabea ntaaboɔ no: Ntaaboɔ aduonu di anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa.

24Na ɔyɛɛ ntaaboɔ aduonu no ase dwetɛ nnyinasoɔ aduanan; nnyinasoɔ mmienu hyehyɛ taaboɔ koro ase ma ne nan mmienu no, na nnyinasoɔ mmienu hyehyɛ taaboɔ koro nso ase ma ne nan mmienu no.

25Na tenabea no nkyɛn baako a ɛdi atifi fam no, ɔde ntaaboɔ aduonu kɔsisii hɔ,

26ne ne dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, taaboɔ koro ase nnyinasoɔ mmienu, na koro nso ase nnyinasoɔ mmienu.

27Na tenabea no akyiri fam a ɛkyerɛ atɔeɛ no, ɔde ntaaboɔ nsia kɔsisii hɔ.

28Na ɔde ntaaboɔ mmienu kɔsisii tenabea no akyiri ntwea no so,

29na ɛpam ho firi fam de rekorɔ, nanso ɛyɛ mu kɔduru ne hini so, deɛ kaa a ɛdi kan no tua hɔ: Saa na ɔyɛɛ ne mmienu nyinaa ntwea mmienu no soɔ.

30Na ntaaboɔ nwɔtwe ne ne dwetɛ nnyinasoɔ dunsia na ɛwɔ hɔ, taaboɔ biara ase nnyinasoɔ mmienu.

31Eks 26.26-30 Na ɔde okuo yɛɛ mmeamu, tenabea no nkyɛn baako ntaaboɔ no deɛ enum,

32ne tenabea no nkyɛn baako no nso ntaaboɔ no mmeamu enum no ne tenabea no akyi, atɔeɛ fam ntaaboɔ no deɛ, mmeamu nnum.

33Na ɔde mfimfini mmeamu no beaa ntaaboɔ no mfimfini de twaa mu firi tire kɔduruu tire.

34Na ɔde sika duraduraa ntaaboɔ no ho, na ɔde sika yɛɛ ɛho nkaa no sɛ ɛnyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na ɔde sika duraduraa mmeamu no ho.

35Eks 26.31-37 Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛɛ ntwamutam; ɔyɛɛ no ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu.

36Na ɔyɛɛ ɛho okuo adum nnan, na ɔde sika duraduraa ho; ne mprɛngo yɛ sika. Na ɔde dwetɛ nnyinasoɔ nnan guu aseɛ.

37Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwonoo nkyeremu de yɛɛ ntomadan no ano nkataano.

38Na ɔyɛɛ ɛho adum nnum ne mprɛngo, na ɔde sika duraduraa n’atifi ne ne mmeamu ho, na ne nnyinasoɔ nnum yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help