1 Yes 2.2-4 Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no
AWURADE fie bepɔ no bɛtim
hɔ ataa mmepɔ atifi,
na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa,
na aman asene yuu aba so.
2 Luk 24.47 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ:
Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so,
nkɔ Yakob Nyankopɔn fie,
na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan,
na yɛnnante n’atempɔn so;
na Sion na mmara bɛfire,
na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.
3Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn,
na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim,
na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ,
na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ;
ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi,
na wɔrensua akodie bio.
4 1 Ah 4.25; Sak 3.10 Na wɔbɛtenatena wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase,
na obiara biara renyi wɔn hu,
ɛfiri sɛ asafo AWURADE ankasa na waka.
5Na aman no mu biara
nante ne nyame din mu, na yɛn deɛ,
yɛbɛnante AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu
de akɔsi daa daa.
Israel anoboa ne animuonyam6 Yer 31.8 Ɛda no, AWURADE asɛm nie,
mɛboa asiiɛfoɔ no ano,
na wɔn a wɔapam wɔn no, mɛma wɔaba,
ne wɔn a me ne wɔn adi no bɔne no.
7Na mɛma asiiɛfoɔ no ayɛ nkaeɛ,
na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no ayɛ ɔman kɛseɛ;
na AWURADE bɛdi wɔn so hene Sion bepɔ so
afiri nnɛ de akɔsi daa.
8 Gye 35.21 Na wo, Sion babaa kokoɔ,
woayɛ nnwanhwɛfoɔ abantenten,
na wo hɔ na akane tumidie no
bɛba abɛduro,
Yerusalem babaa ahennie no.
9 Yer 8.19 Afei, adɛn nti na woteam denden?
Ɔhene biara nni wo mu
anaasɛ wo fotufoɔ no ayera,
na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi?
10Sion babaa, ko awoɔ,
kyem sɛ ɔwofoɔ,
na afei wobɛfiri adi afiri kuro no mu
akɔtena wiram,
na woakɔtena Babel tɔnn.
Ɛhɔ na wɔbɛyi woɔ,
ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo
afiri w’atamfo nsam.
11Na afei amanaman pii
aboa wɔn ano atia wo,
na wɔka sɛ: Ma Sion ho ngu fi,
na yɛmfa yɛn ani nhwɛ n’animguaseɛ no.
12Na wɔn deɛ, wɔnnim
AWURADE adwene
na wɔnhunu n’agyinatuo mu;
sɛ waboaboa wɔn ano sɛ ayuporebea afiafi.
13Sɔre, pore,
Sion babaa,
na mɛyɛ wo mmɛn dadeɛ,
na mayɛ wo ntɔte kɔbere mfrafraeɛ,
na wode adwerɛ aman pii dukuduku,
na mɛhyira wɔn ahonyadeɛ so mama AWURADE,
ne wɔn adedodoɔ so mama asase nyinaa wura no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
