Deuteronomium 22 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1 Eks 23.4 Nhwɛ wo nua nantwie anaa ne dwanten sɛ wɔrefom kwan, na ntwe wo ho mfiri wɔn ho; fa no sane brɛ wo nua no.

2Na sɛ wo nua no mmɛn wo anaa wonni no a, ɛnneɛ fa no bra wo fie na ɔntena wo nkyɛn nkɔsi sɛ wo nua no bɛhwehwɛ no na woadane no ama no.

3Na saa nso na yɛ n’afunumu, ne ntoma, ne wo nua adeɛ biara a ayera a wobɛhunu no; ntwe wo ho mfiri ho.

4Nhwɛ wo nua afunumu anaa ne nantwie sɛ wɔahwe ase kwan mu, na ntwe wo ho mfiri wɔn ho; boa no ma no mma wɔn so.

5Ɔbaa nnhyɛ ɔbarima adeɛ, na ɔbarima nso mmfira ɔbaa ntoma, ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ yei nyinaa yɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.

6Sɛ wokɔpue anomaa pirebuo ɔkwan mu, dua bi so anaa ɛfam, mma oo, nkosua oo, na ɛna no butu mma no anaa nkosua no so a, nkyere ɛna no nka mma no ho;

7Lew 22.28 na ma ɛna no nkɔ, na fa mma no, na asi wo yie na wɔama wo nna aware.

8Sɛ wosi dan foforɔ a, gye wo dan atifi ban, na obi amfiri hɔ anhwe ase, na woamfa mogya ho asodie amma wo dan no so.

9 Lew 19.19 Mfa ade ahodoɔ mmienu nnua wo bobeturom, na anyɛ saa a wɔbɛhwere w’aduadeɛ a woduaeɛ no ne bobe turo no mu nnɔbaeɛ no nyinaa.

10Mfa nantwie ne afunumu mmɔ mu mfuntum.

11Lew 19.19 Mfira ntoma a wɔde kuntu ne asaawa afra anwono.

12 Num 15.38 Yɛ wo ntoma a wode kata wo soɔ ahinanan so nnwo.

13Sɛ obi ware yerɛ na ɔkɔ ne ho, na ɔmpɛ no bio,

14na ɔde animguasesɛm to ne so, na ɔbɔ no dimmɔne sɛ: Maware ɔbaa yi na mekɔɔ ne ho no, manto no ɔbaabunu a,

15ɛnneɛ ababaawa no agya ne ne na mfa ababaawa no baabunuyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mfiri mmra kuro no mu mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no pono ano,

16na abaayewa no agya nka nkyerɛ mpanimfoɔ no sɛ: Mede me babaa mama ɔbarima yi aware, nso ɔmpɛ no bio.

17Na hwɛ, ɔde animguasesɛm ato ne so sɛ: Manto wo babaa no ɔbaabunu; nso me ba baabunuyɛ adeɛ nie. Na wɔntrɛ ntoma no mu kuro no mu mpanimfoɔ no anim.

18Na kurom hɔ mpanimfoɔ no mfa ɔbarima no ntwe n’aso,

19Deut 22.29 na wɔnnye no dwetɛ nnwetɛbena ɔha mfa mma ababaa no agya, ɛfiri sɛ wabɔ Israel mu ɔbaabunu dimmɔne; na ɔnkɔso nware no, na ɔnnko no ne nna nyinaa mu.

20Na sɛ asɛm yi yɛ nokwasɛm na wɔanhunu ababaawa no ɔbaabunu a,

21Gye 34.7 ɛnneɛ wɔnyi ababaa no mmra n’agya fie aboboano, na ne kurom mmarima nsi no aboɔ mma no nwu, ɛfiri sɛ wayɛ nkwaseadeɛ Israel mu sɛ wabɔ adwaman n’agya fie; na yi bɔne no firi wo mu.

22 Lew 20.10 Sɛ wohunu ɔbarima bi sɛ ɔne ɔbaa a ɔyɛ obi yere da a, ɛnneɛ wɔn baanu no nwu, ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no; na yi bɔne no firi Israel.

23Sɛ wɔde ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu ma ɔbarima bi aware, na ɔbarima bi hu no kuro mu na ɔne no da a,

24ɛnneɛ momfa wɔn baanu no mfiri adi nkɔ kuro no pono n’akyi, na monsi wɔn aboɔ mma wɔnwuwu, ababaa no, ɛsiane sɛ ɔwɔ kuro mu na wanteam, ne ɔbarima no, sɛ wabrɛ ne yɔnko yere aseɛ nti; na yi bɔne no firi wo mu.

25Na sɛ ɔbarima bi hunu ababaa ɔwarefoɔ wɔ wiram, na ɔbarima no kye no ne no da a, ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no nko na ɔnwuo,

26na ababaa no deɛ, nyɛ no hwee, bɔne a ɛsɛ wuo nni ababaa no so, ɛfiri sɛ sɛdeɛ onipa sɔre tia ne yɔnko ku no no, saa na asɛm yi teɛ.

27Ɛfiri sɛ wiram na ɔhunuu no, na ababaa a wɔagye no aware no teaa mu, na na obi a ɔbɛgye no nni hɔ.

28Sɛ ɔbarima bi hunu ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a wɔmfaa no mmaa aware na ɔkye no ne no da na wɔhu wɔn a,

29Eks 22.16 ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no mma ababaa no agya dwetɛ nnwetɛbena aduonum, na ɔnyɛ ne yere sɛ ɔbrɛɛ no aseɛ nti; na ɔnnko no ne nna nyinaa.

30 Lew 18.8 Ɔbarima biara nnware n’agya yere, na ɔnnyi ɔbaa a ɔyɛ n’agya deɛ adagya so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help