Sirak 20 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Kommyɛ ne kasa

1Animka bi wɔ hɔ a ɛnyɛ ne berɛ ne no,

na onipa bi wɔ hɔ a ɔwɔ nyansa nti, ɔyɛ komm.

2Ɛnyɛ yɛ na ɛyɛ sɛ woka anim sene sɛ wo bo fuo!

3Na onipa a ɔgye ne mfomsoɔ tom no, ɛmma no nni nkoguo.

4Sɛdeɛ ɔbarima a wɔasa no kɔn adɔ ababaa no,

sɛ nso ɛteɛ ne no wɔ onipa a ɔnam nhyɛsoɔ so yɛ ade tenenee.

5Nnipa binom yɛ komm na wɔbu wɔn sɛ anyansafoɔ,

wɔ berɛ a wɔkyiri ebinom ɛsiane wɔn kasa dodoɔ nti.

6Nnipa binom yɛ komm ɛfiri sɛ wɔnni asɛm biara ka,

berɛ a afoforɔ binom nso yɛ komm ɛfiri sɛ wɔnim ɛberɛ a wɔde kasa.

7Onyansafoɔ yɛ komm kɔsi berɛ a ɛsɛ sɛ ɔkasa,

nanso ɔkwasea hohoahoani hwere ɛberɛ pa.

8Wɔkyiri onipa a ɔkasa pii,

na obiara a ɔpatu no, wɔtane no.

Mmebuo

9Onipa a ɔwɔ ahokyere mu bɛtumi anya siadeɛ,

na mpofirim sika bɛtumi aba adehwereɛ berɛ mu.

10Akyɛdeɛ bi wɔ hɔ a ɛso mma wo mfasoɔ biara,

na akyɛdeɛ a wode hyɛ ananmu no yɛ mmɔho.

11Adehwereɛ binom wɔ hɔ a wɔde pɛ animuonyam,

na nnipa binom wɔ hɔ a, wɔama wɔn tiri so afiri ahokyere tebea mu.

12Ebinom wɔ hɔ a wɔtɔ pii na wɔtua ketewa bi,

nanso wɔtua no mprɛ nson ma ɛboro so.

13Anyansafoɔ nam wɔn nsɛm kakra so ma wɔpɛ wɔn asɛm,

nanso nkwaseafoɔ nidie kɔ kwa.

14Ɔkwasea akyɛdeɛ mfa mfasoɔ biara mmrɛ wo,

ɛfiri sɛ ɔhwehwɛ akatua mmɔho nson.

15Ɔma ketewa bi na waka anim pii;

ɔbue n’ano te sɛ dawurubɔni.

Ɔde fɛm ɛnnɛ na ɔkyena wagye;

onipa a ɔte saa no ho yɛ abufuo ma Onyankopɔn ne nnipa.

16Ɔkwasea ka sɛ: Menni adamfoɔ,

na mennya aseda wɔ me nnwuma pa ho.

Wɔn a wɔdi m’aduane no ka bɔne.

17Nnipa dodoɔ sɛn na wɔbɛdi ne ho fɛw, na mprɛ dodoɔ sɛn!

Kasa a ɛmfata

18Sɛ wobɛpatiri ahwe aseɛ wɔ aboɔ nsameeɛ soɔ no yɛ sene sɛ w’ano bɛfom;

omumuyɛni ahweaseɛ ba ntɛm so.

19Onipa hodwanefoɔ te sɛ asɛm a wɔnka no berɛ a ɛsɛ mu,

a ɛkɔ so ara da onipa a ɔnnim hwee ano.

20Ɛbɛ a ɔkwasea bu no wɔntie,

ɛfiri sɛ ɔmmmu bɛ no berɛ a ɛsɛ mu.

21Ohia bɛtumi asianka onipa bɔneyɛ ho;

enti berɛ a ɔhome no, ɔnya ahonu biara.

22Obi nam aniwuo so nya ne wuo,

anaasɛ ɔhwere ɛsiane nnipa buo nti.

23Ɛnam aniwuo nti ɔfoforɔ hyɛ ne yɔnko bɔ,

na ɔde nam so abɛyɛ tamfoɔ.

Atorɔdie

24Atorɔ yɛ ade tantane wɔ onipa ho;

ɛkɔ so ara da onipa a ɔnnim hwee no ano.

25Onipa a ɔdi atorɔ deɛ fanyinam ɔkorɔmfoɔ,

nanso wɔn baanu kyɛfa yɛ ɔsɛeɛ.

26Onipa torofoɔ akwan kɔ animguaseɛ mu,

na n’animguaseɛ kɔ so ara tena ne so.

Mmebuo

27Onyansafoɔ nam ne nsɛm so nya mpontuo,

na onipa a ɔwɔ nyansa no sɔ atumfoɔ ani.

28Wɔn a wɔfuntum asase no boaboa nnɔbaeɛ bafuu,

na wɔn a wɔsɔ atumfoɔ ani no tua mpata wɔ ntɛnkyea ho.

29Adɔeyɛ ne adekyɛ fira onyansafoɔ ani;

te sɛ deɛ nnareka a ɛda ano si animka kwan no.

30Nyansa a ahunta ne agyapadeɛ a wɔnhunuiɛ,

mfasoɔ bɛn na ɛwɔ emu biara soɔ?

31Nnipa a wɔkata wɔn nkwaseadeɛ so no yɛ

sene nnipa a wɔde wɔn nyansa sie no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help