Nehemia 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔti Nyankopɔn apam mu

1Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,

2Seraia, Asaria, Yeremia,

3Pasur, Amaria, Malkia,

4Hatus, Sebania, Maluk,

5Harim, Meremot, Obadia,

6Daniel, Gineton, Baruk,

7Mesulam, Abia, Miyamin,

8Maasia, Bilgai, Semaia; yeinom ne asɔfoɔ no;

9ne Lewifoɔ: Asania ba Yesua, Binui a ɔfiri Henadad mma mu, Kadmiel,

10ne wɔn nuanom: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,

11Mika, Rehob, Hasabia,

12Sakur, Serebia, Sebania,

13Hodia, Bani, Beninu;

14Esra 2.3; 2.6 ɔman no atitire: Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,

15Buni, Asgad, Bebai,

16Adoniya, Bigwai, Adin,

17Ater, Hesekia, Asur,

18Hodia, Hasum, Besai,

19Harif, Anatot, Nebai,

20Magpias, Mesulam, Hesir,

21Mesesabel, Sadok, Yadua,

22Pelatia, Hanan, Anaia,

23Hosea, Hanania, Hasub,

24Halohes, Pilha, Sobek,

25Rehum, Hasabna, Maaseia,

26Ahia, Hanan, Anan,

27Maluk, Harim, Baana.

28 Esra 2.70 Na ɔman no nkaeɛ, asɔfoɔ, Lewifoɔ, apono ano ahwɛfoɔ, nnwontofoɔ, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtee wɔn ho firii nsase no so aman ho baa Nyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa, animdefoɔ ne nhunumufoɔ nyinaa,

29wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛdi Nyankopɔn mmara a wɔnam Nyankopɔn akoa Mose so hyɛeɛ no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ nyinaa;

30ne sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mma asase no sofoɔ, nanso yɛremfa wɔn mmammaa mma yɛn mmammarima.

31Neh 13.15-16; Amos 8.5 Na sɛ asase no sofoɔ de adetɔnneɛ anaa aduane biara ba bɛtɔn no home da a, yɛrentɔ mfiri wɔn hɔ homeda anaa da kronkron biara mu. Na yɛbɛgya afe a ɛtɔ so nson no mu nnɔbaeɛ, na yɛrennan ka biara.

32Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbena nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fie som no;

33ama kyerɛ paanoo ne daa aduane afɔdeɛ ne daa hyeɛ afɔdeɛ, home nna deɛ, bosome foforɔ deɛ, ama afahyɛ ne akronkronneɛ ne bɔne ho afɔdeɛ, sɛ wɔmfa mpata mma Israel ne yɛn Nyankopɔn fie adwuma nyinaa.

34Lew 6.12 Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛdeɛ ho ntonto, asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fie, sɛdeɛ yɛn mpanimfie teɛ, afe afe mu, berɛ a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ no AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no so, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no.

35Eks 23.19 Na yɛhyɛɛ sɛ yɛde yɛn asase so aduanekan ne nnua nyinaa aba a ɛdi kan bɛba AWURADE fie daa afe,

36Eks 13.2 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu no, ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfoɔ a wɔsom yɛn Nyankopɔn fie no,

37Num 18.21 na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfoɔ no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fie mpia no mu, na yɛde yɛn asase so ntotosoɔ du du bɛma Lewifoɔ no, na Lewifoɔ no anya ntotosoɔ du du, nkuraaseɛ nyinaa mu.

38Num 18.26, 28 Na ɔsɔfoɔ, Aaron ba, nka Lewifoɔ no ho berɛ a Lewifoɔ no regye ntotosoɔ du du no, na Lewifoɔ no mfa ntotosoɔ du du no mu deɛ ɛtɔ so du no mmra yɛn Nyankopɔn fie, na wɔmfa ngu adekoradan mpia no mu.

39Na Israelfoɔ ne Lewifoɔ no nyinaa mfa aduane ne nsa ne ngo mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mmra mpia no mu, na ɛhɔ na kronkronbea nnwinneɛ ne asɔfoɔ a wɔsom ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no wɔ; na yɛrennya yɛn Nyankopɔn fie no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help