1 Berɛsosɛm 24 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Asɔfokuo ahodoɔ aduonu nnan no

1 deɛ, nkron, Sekania deɛ, edu,

12Eliasib deɛ, dubaako, Yakim deɛ, dummienu,

13Hupa deɛ, dummiɛnsa, Yesebeab deɛ, dunan,

14Bilga deɛ, dunum, Imer deɛ, dunsia,

15Hesir deɛ, dunson, Hapises deɛ, dunwɔtwe,

16Petahia deɛ, dunkron, Yeheskel deɛ, aduonu,

17Yakin deɛ, aduonu baako, Gamul deɛ, aduonu mmienu,

18Delaia deɛ, aduonu mmiɛnsa, Maasia deɛ, aduonu nnan.

19Yei ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛdeɛ wɔn som no teɛ, sɛ wɔnhyɛne AWURADE fie sɛ wɔn atorɔmudeɛ a ɛnam wɔn agya Aaron so baeɛ no, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no.

Lewi mma mu atitire

20Na Lewi mma a aka no deɛ: Amram mma mu: Subael; Subael mma mu: Yehdeia.

211 Be 23.17-23; 26.25 Rehabia deɛ, Rehabia mma mu: Yisia ne panin.

22Yisharfoɔ mu: Selomot. Selomot mma mu: Yahat.

23Na Hebron mma ne: Yeria, otitire Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan.

24Usiel mma: Mika. Mika mma mu: Samir.

25Mika nua Yisia. Yisia mma mu: Sakaria.

26Merari mma ne: Mahli ne Musi; ne ba Yaasia mma: Beno.

27Merari mma a wɔyɛ ne ba Yaasia deɛ ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri.

28Mahli deɛ: Eleasa, na ɔno deɛ, ɔnni mma.

29Kis deɛ, Kis mma: Yerahmeel.

30Na Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewifoɔ mma sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ.

311 Be 25.8 Na yeinom nso twee ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, Ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyanom atitire no anim, agyanom mu atitire, sɛ ne nua kumaa ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help