Hosea 6 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ahonu a ɛnyɛ

1 Hos 5.14 Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn,

na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ,

ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.

2 Deut 32.39 Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa,

da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre

na yɛanya n’anim nkwa.

3Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no.

Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ,

na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ,

sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.

4Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim?

Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda?

Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum,

na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.

5 Yer 23.29 Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn,

na mede m’anomu nsɛm makum wɔn,

na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.

6 1 Sa 15.22; Mat 9.13; 12.7 Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ,

ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.

7 Gye 3.6 Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam,

ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.

8Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro

a mogya akeka mu.

9Na asɔfoɔ asafokuo no

te sɛ ɔkwanmukafoɔ asafo a wɔtɛ nnipa,

wɔdi awu ɔkwan mu, wɔde rekɔ Sekem no;

aane abusudeɛ ara na wɔyɛ.

10 Hos 5.3 Mahunu ahodwirideɛ Israel fie,

ɛhɔ na Efraim bɔ adwaman, Israel ho agu fi.

11 Yoel 3.13; 3.1 Yuda nso, wɔahyɛ twaberɛ ama wo,

berɛ a mede me man nnommum bɛsane aba no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help