Hiob 27 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Hiob kyerɛ ne bemdie ne abɔnefoɔ ahotɔ a ɛnkyɛ

1Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:

2Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem korɔ

ne Otumfoɔ a ɔhyɛ me kra awerɛhoɔ no te aseɛ yi, —

3na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu,

na Nyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi,

4 Dwom 34.13 ampa ara, m’ano renka amumuyɛsɛm,

na me tɛkyerɛma renka nnaadaasɛm!

5Ɛmpare me sɛ mɛbu mo bem;

meremma wɔnyi me mudie mfiri me ho de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛgyaa mu.

6 Aso 24.16; 1 Ko 4.4 Mɛkura me tenenee mu denden, na merennyaa mu;

m’akoma remmu me fɔ, me nna biara ho.

7Me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefoɔ,

na deɛ ɔma ne ho so tia me no nyɛ sɛ omumuyɛfoɔ.

8 Luk 12.20 Na ɛdeɛn ne ɔbɔnefoɔ anidasoɔ berɛ a wɔtwa ne nkwa soɔ,

berɛ a Onyankopɔn twe ne kra korɔ no?

9Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ

berɛ a ahohiahia bɛba ne soɔ no anaa?

10Anaasɛ n’ani bɛgye Otumfoɔ ho,

ɔbɛfrɛ Onyankopɔn berɛ nyinaa mu anaa?

11Mɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsa ho asɛm,

deɛ ɛwɔ Otumfoɔ hɔ no, merensi so.

12Hwɛ, mo deɛ, mo nyinaa moahunu,

na adɛn na moda so di ahuhusɛm yi?

13Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɔnya no Onyankopɔn hɔ,

ne nhyɛsofoɔ agyapadeɛ a wɔnya no Otumfoɔ nsam:

14 Hiob 21.19 Sɛ ne mma dɔɔso a, wɔdɔɔso ma afena,

na wɔn a wɔfiri ne mu no aduane remmee wɔn.

15Ne nnipa a wɔbɛka no, owuyadeɛ mu na wɔbɛsie wɔn,

na n’akunafoɔ rensu.

16Sɛ ɔboa dwetɛ ano sɛ mfuturo,

na ɔsiesie ntadeɛ sɛ dɔteɛ a,

17 Mmb 13.22 ɔsiesie deɛ, nanso ɔteneneeni na ɔbɛhyɛ,

na dwetɛ no, deɛ ɔdi bem na ɔbɛkyɛ mu.

18Ɔsi ne dan sɛ abubummabaa,

na ɛte sɛ sese a ɔwɛmfoɔ yɛ.

19Ɔrekɔda, na ɔyɛ ɔdefoɔ, nso ɔrenna so nyɛ saa bio;

ɔbɛbue n’ani na ɔnni hɔ bio.

20Ahuyideɛ fa no sɛ nsuo,

anadwo na ahum wia no korɔ.

21Apueeɛ mframa soa no kɔ,

na ɛhwim no firi ne tenabea.

22Na ɔto gu ne so, na ɔnni ne ho adɔna,

dwane ara na ɔrepɛ adwane afiri ne nsam.

23Wɔbɛbobɔ nsam agu ne so,

na wɔabɔ ne so hwerɛma de no afiri ne tenabea akɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help