1 Korintofoɔ 1 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkyea

1Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a wɔnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne yɛn nua Sostene

21 Ko 6.11; Aso 9.14 de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;

3adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

4Nyankopɔn adom a wɔde adom mo wɔ Kristo Yesu mu no nti, meda me Nyankopɔn ase daa wɔ mo ho,

5sɛ nnoɔma nyinaa mu, moanya mo ho wɔ ne mu, asɛnka ne nimdeɛ nyinaa mu

6sɛdeɛ Kristo adanseɛ no atim mo mu

7Tito 2.13 amma adom akyɛdeɛ biara ammɔ mo, berɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyie no;

8Flp 1.6; 1 Te 3.13; 5.23 ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no.

91 Te 5.24 Onyankopɔn a wɔnam ne so afrɛ mo akɔ ne ba, yɛn Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ.

Mpaepaemu a ɛwɔ Asafo no mu

10 Flp 2.2; 3.16 Na anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so metu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ anokorɔ, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabɔ mu awie pɛyɛ adwene korɔ ne nsusuiɛ korɔ mu.

11Na me nuanom, Kloe fiefoɔ abɛyi me mo ho asotire sɛ, aperepereɛ wɔ mo mu.

121 Ko 3.4; Aso 18.24; 18.27; Yoh 1.43 Ɛne sɛ, mo mu biara ka sɛ: Me deɛ, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Apolo afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Kefa afa, anaasɛ me deɛ mewɔ Kristo afa.

13Wɔapaepae Kristo mu anaa? Paulo na wɔbɔɔ no asɛnnua mu maa mo, anaasɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Paulo din mu anaa?

14Aso 18.8; Rom 16.23 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu gye Krispo ne Gaio,

15na obi anka sɛ wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ mankasa me din mu.

161 Ko 16.15; 16.17 (Ɛhee, afei nso mebɔɔ Stefana fiefoɔ asu; na nkaeɛ no deɛ, sɛ mebɔɔ obi asu a, mennim.)

17Yoh 4.2; Mat 28.19; 1 Ko 2.4 Na Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu ara kɛkɛ, na mmom sɛ memmɛka asɛmpa no, ɛnyɛ nyansasɛnka mu, na Kristo asɛnnua no anyɛ kwa.

Kristo yɛ Onyankopɔn Nyansa ne ne Tumi

18 2 Ko 4.3; Rom 1.16 Na asɛnnua no ho asɛm yɛ nkwaseasɛm ma wɔn a wɔreyera, na yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Nyankopɔn tumi.

19Yes 29.14 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ:

Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,

na mɛma animdefoɔ nimdeɛ ayɛ kwa.

20 Hiob 12.17 Onyansafoɔ wɔ he? Ɔtwerɛfoɔ wɔ he? Wiase kyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn nnanee wiase yi nyansa nkwaseasɛm anaa?

21Mat 11.25 Na wiase amfa nyansa so anhunu Onyankopɔn wɔ Nyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so bɛgye wɔn a wɔgye die no nkwa.

22Mat 12.38; Yoh 4.48; Aso 17.18; 17.32 Ɛfiri sɛ Yudafoɔ bisa nsɛnkyerɛnneɛ, na Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa;

23Rom 9.32; 1 Ko 2.14 na yɛn deɛ, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho asɛm; ɔyɛ suntidua ma Yudafoɔ, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufoɔ.

241 Ko 1.18; Kol 2.3 Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no deɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, saa Kristo yi yɛ Nyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa.

25Ɛfiri sɛ Nyankopɔn nkwaseasɛm wɔ nyansa kyɛne nnipa, na Nyankopɔn mmerɛyɛ yɛ den sene nnipa.

26 Mat 11.25; Yoh 7.48; Yak 2.1-5 Na, anuanom, mpo monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ honam fam anyansafoɔ bebree, ɛnyɛ atumfoɔ bebree, ɛnyɛ adehyeɛ bebree na wɔafrɛ wɔn,

27na mmom wiase nkwaseadeɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafoɔ aniwuo. Na wiase adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ deɛ ɛyɛ den no aniwuo.

28Na wiase nnoɔma a ɛmfra ne deɛ wɔmmuo na Onyankopɔn ahwɛ mu ayie, ne deɛ ɛnni hɔ, sɛ ɔde bɛtu deɛ ɛwɔ hɔ,

29Rom 3.27; Efe 2.9 na honam biara anhoahoa ne ho n’anim.

30Yer 23.5-6; 2 Ko 5.21; Yoh 17.19 Na Onyankopɔn mu na ɛfire na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno a wabɛyɛ nyansa a ɛfiri Nyankopɔn hɔ, ne tenenee, ahoteɛ ne ɔgyeɛ ama yɛn.

31Yer 9.23-24 Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Awurade mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help