2 Ahemfo 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Naaman ayaresa

1Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa titire wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata.

2Na Siria asafo no mu bi akɔto ahyɛ Israelfoɔ so afa abaayewa kumaa bi dommum aba; na ɔsom Naaman yere.

3Na ɔka kyerɛɛ n’awuraa sɛ: Aa, sɛ anka me wura wɔ odiyifoɔ a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnneɛ anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.

4Ɛnna ɔkɔ kɔka kyerɛɛ ne wura sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na abaayewa a ɔfiri Israel asase soɔ no ka.

5Na Siriahene no kaa sɛ: Kɔ na bra, na mɛtwerɛ Israel hene no nwoma.

Na ɔsii mu kɔe, na ɔfaa dwetɛ dwetikɛseɛ du ne sika nnwetɛbena mpemnsia ne ntadeɛ nsakyeraho du kurae.

6Na ɔde nwoma no brɛɛ Israel hene sɛ: Sɛ nwoma yi ka wo nsa a, hwɛ, masoma m’akoa Naaman aba wo nkyɛn sɛ sa ne kwata no ma no.

71 Ah 20.7 Na ɛbaa sɛ, Israel hene kenkan nwoma no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Onyankopɔn ne me na makum na mama nkwa, sɛ oyi resoma ama wɔaba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhunu sɛ, asɛm na ɔrepɛ me.

8Na Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asunsuane ne ntadeɛ mu no, ɔsoma maa wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn sɛ: Adɛn nti na woasunsuane wo ntadeɛ mu? Ma no mmra me nkyɛn ɛ, na ɔnhunu sɛ odiyifoɔ bi wɔ Israel.

9Ɛnna Naaman ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ba bɛgyinaa Elisa fie pono akyi.

10Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ ne nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔdware mprɛnson Yordan mu, na wo honam bɛsane aba wo ho, na wo ho afi.

11Ɛnna Naaman bo fuiɛ, na ɔsii mu kɔe, kaa sɛ: Hwɛ, mesusuu sɛ: Fire na ɔbɛfiri aba abɛgyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no.

12Damasko nsubɔntene Abana ne Parpar nyɛ nsene Israel nsuo nyinaa? Anka merennware mu na me ho mfi anaa? Na ɔdanee ne ho de abufuo sii mu.

13Na ne nkoa twe pinii bɛka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, sɛ ade kɛseɛ bi na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa? Na nkantom sɛ waka akyerɛ wo sɛ: Kɔdware na wo ho mfi!

14Luk 4.27 Ɛnna ɔsiane de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mprɛnson, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa asɛm no teɛ no; na ne honam sane baa mu sɛ abɔfra ketewa honam, na ne ho firiiɛ.

15 2 Ah 5.5 Na ɔsane baa Nyankopɔn nipa no nkyɛn, ɔno ne n’asafo nyinaa, na ɔba bɛgyinaa n’anim kaa sɛ: Hwɛ, mahunu sɛ Onyankopɔn bi nni asase biara so sɛ Israel nko, na afei gye akyɛdeɛ yi w’akoa nsam.

16Na ɔse: Sɛ AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, merennye hwee. Na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnnye, nanso wampene.

17Na Naaman kaa sɛ: Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmfa dɔteɛ a mfunumupɔnkɔ mmienu bɛtumi asoa mma w’akoa, na w’akoa remmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame biara bio sɛ AWURADE nko.

182 Ah 7.2 Asɛm yi mu nko na AWURADE mfa nkyɛ w’akoa, sɛ me wura rekɔ Rimon fie akɔsɔre hɔ, na ɔtwere me nsa soɔ, na mekoto Rimon fie. Sɛ mekoto Rimon fie a, AWURADE mfa nkyɛ w’akoa, asɛm yi mu.

19Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu.

Gehasi sikapɛ ne ɛho asotwe

Na Naaman firii ne nkyɛn kɔɔ kwantiaa bi.

20Na Nyankopɔn nipa Elisa abɔfra Gehasi kaa sɛ: Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman yi, sɛ wannye deɛ ɔde baeɛ no ne nsam; sɛ AWURADE te aseɛ yi, mɛtu mmirika mati no makɔgye ne hɔ biribi.

21Na Gehasi tii Naaman. Na Naaman hunuu sɛ obi de mmirika di n’akyire no, ɔfiri teaseɛnam no mu sii fam bɛhyiaa no kaa sɛ: Asomdwoeɛ mu anaa?

22Na ɔse: Asomdwoeɛ mu. Me wura asoma me sɛ: Hwɛ, seesei mmeranteɛ baanu a wɔfiri adiyifoɔ mma no mu firi Efraim bepɔ so aba me nkyɛn, mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ talente baako ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu.

23Na Naaman kaa sɛ: Pene na gye talente mmienu. Na ɔhyɛɛ no, na ɔkyekyeree dwetɛ talente mmienu no mmoa mmienu ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu no, na ɔde soaa ne mmeranteɛ mu baanu, na wɔsoa dii n’anim.

24Na ɔduruu kokoɔ no ho no, ɔgyee wɔn nsam, na ɔde kɔguu fie, na ɔgyaa mmarima no kwan maa wɔkɔe.

25Na ɔno deɛ, ɔba bɛgyinaa ne wura anim. Na Elisa bisaa no sɛ: Gehasi, ɛhe na wofire? Na ɔse: W’akoa nkɔɔ baabiara!

26Na ɔbisaa no sɛ: M’akoma ne wo ankɔ berɛ a ɔbarima no danee ne ho firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa woɔ no anaa? Berɛ a wɔgye dwetɛ na wɔgye ntadeɛ ne ngo nnua ne bobe nturo ne nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa nie?

27Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa. Na ɔfirii n’anim firii adie, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛmma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help