1 Amos 8.11 Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.
2Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, —
3na Nyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ, na Samuel da AWURADE asɔredan mu, deɛ Nyankopɔn adaka no sie hɔ;
4AWURADE frɛɛ Samuel, Samuel na ɔkaa sɛ: Menie.
5Na ɔtuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na Eli kaa sɛ: Memfrɛɛ wo, sane kɔda. Na ɔkɔdae.
6Na AWURADE frɛɛ no bio, Samuel; na Samuel sɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na Eli se: Memfrɛɛ wo, me ba, sane kɔda.
7Nso na Samuel nnya nhunuu AWURADE, na wɔnnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no.
8Na AWURADE kɔɔ so frɛɛ Samuel deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔsɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Ɛnna Eli hunuu sɛ AWURADE na ɔrefrɛ abɔfra no,
9enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a, ka sɛ: AWURADE, kasa na w’akoa retie. Na Samuel kɔ kɔdaa ne daberɛ.
10Na AWURADE ba bɛgyinaa hɔ frɛɛ sɛ kane no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.
11Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwɛ, merebɛyɛ biribi Israel mu a obiara a ɔbɛteɛ no aso mmienu mu bɛyɛ no kyeoo.
12Da no na mɛma adeɛ a maka atia Eli fie nyinaa agyina firi mfitiaseɛ de kɔsi awieeɛ.
131 Sa 2.27-36 Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, amumuyɛ no nti, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma retwetwe mmusuo, na wanka wɔn anim.
14Na enti maka ntam afa Eli fie ho sɛ: Sɛ wɔde okum afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ pata ma Eli fie mpo a, ɛrempepa wɔn amumuyɛ da biara da.
15Na Samuel da kɔduruu anɔpa, na ɔhinihinii AWURADE fie apono no. Na Samuel suroo sɛ ɔbɛka adeɛ a ɔhunuiɛ no akyerɛ Eli.
16Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: Me ba Samuel. Na ɔkaa sɛ: Menie.
17Na ɔkaa sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ woɔ no? Nsi me asɛm no so. Sɛ wosi me asɛm a ɔka kyerɛɛ woɔ no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho!
182 Sa 15.26 Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansi no bi so. Na ɔse: Ɛyɛ AWURADE, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ no, ɔnyɛ.
19Na Samuel nyinii, na AWURADE dii n’akyi, na asɛm biara a Samuel kaeɛ no baa mu.
20Na Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba hunuu sɛ wɔde Samuel asi hɔ sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifoɔ.
21Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi Silo; na AWURADE nam AWURADE asɛm so yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
