1Makedoniani Filipo a ɔyɛ Aleksandro agya, a ɔfirii Kittim asase so bɛdii Ɔhene Darius a ɔdi Persiafoɔ ne Medefoɔ so no so nkonim, na ɔbɛdii n’adeɛ sɛ ɔhene akyire no; (na wadi kan abɛyɛ Hela hene.)
2Ɔtuu ɔsa bebree, gyee abankɛseɛ, na ɔkumm asase so ahemfo no.
3Ɔkɔe ara kɔduruu asase ano nyinaa, na ɔfomm aman bebree fae. Ɛberɛ a asase yɛɛ komm wɔ n’anim no, wɔmaa no so, na ahomasoɔ wuraa n’akoma mu.
4Ɔboaboaa asraafoɔ a wɔyɛ den ano na ɔdii aman, nkuro ne ahemfo so, na wɔbɛhyɛɛ n’ase.
5Yei akyi no, yadeɛ bɔɔ no, na ɔhunuu sɛ ɔrewu.
6Ɛno nti ɔfrɛɛ ne mpanimfoɔ mu animuonyamfoɔ pa ara no, wɔn a wɔne no hyɛɛ aseɛ firii ne mmeranteberɛ mu no, na ɔkyekyɛɛ n’ahennie no mu maa wɔn berɛ a na ɔda so te aseɛ.
7Na Aleksandro dii hene mfeɛ dummienu no, ɔwui.
8Afei ne mpanimfoɔ no firii aseɛ dii adeɛ wɔ beaeɛ a ɛyɛ ɔno ara ne deɛ.
9Wɔn nyinaa de ahenkyɛ hyɛeɛ wɔ ne wuo akyi, na saa ara nso na wɔn asefoɔ a wɔbaa akyire mfeɛ bebree akyi no yɛɛ amumuyɛ bebree wɔ asase so.
Antiokus Epifane ne Yudafoɔ atuatefoɔ(2 Makabee 4.7-17)10 no mu.
11Nna no mu no atuatefoɔ bi firii Israel bae bɛdaadaa bebree kaa sɛ: Momma yɛn ne Amanaman mufoɔ a wɔatwa yɛn ho ahyia no mpam.
12Wɔgyee saa nsusuiɛ yi tomm,
13na nkurɔfoɔ no binom de ahoperepereɛ kɔɔ ɔhene nkyɛn, na ɔhene maa wɔn kwan sɛ wɔnni Amanaman mufoɔ nhyehyɛɛ no so.
14Ɛno nti wɔsii agodie dan wɔ Yerusalem, sɛdeɛ Amanaman mufoɔ amammerɛ teɛ no,
15 mu. Ɔtuu Israel so sa na ɔde asraadɔm a wɔyɛ den baa Yerusalem.
21Ɔde ahantan hyɛnee kronkronbea hɔ na ɔfaa sika afɔrebukyia, kaneadua a wɔde kanea si soɔ no, ne ɛho nnoɔma nyinaa.
22Ɔsan faa Kyerɛ paanoo pono, ahwiesa nkuruwa, nkoraa no, sika nkukuwa, twam ntoma no, abotire no, ne sika ahyehyɛdeɛ a ɛwɔ asɔredan no anim no nso; na ɔyiyii ne nyinaa firii hɔ.
23Ɔfaa sika ne dwetɛ, ne aboɔden nnoɔma; na ɔsan faa akoradeɛ a wɔde asie a ɔhunuiɛ no.
24Ɔnyaa yeinom nyinaa no, ɔkɔɔ ɔno ara n’asase so.
Ɔkaa mogya pii guiɛ,
na ɔde ahantan a ɛso kasaeɛ.
25Israel twaa adwo kɛseɛ wɔ ɔman no mu baabiara,
26ahemfo ne mpanimfoɔ sii apinie,
mmabaawa ne mmeranteɛ totɔɔ piti,
mmaa ahoɔfɛ paeɛ.
27Ayeforɔkunu biara twaa adwo;
na ɔbaa a ɔte ayeforɔ pia mu resu.
28Mpo asase no ho popoe maa wɔn a wɔte soɔ,
na Yakob fie nyinaa firaa aniwuo sɛ ntoma.
Wɔfa Yerusalem tena mu29Mfeɛ mmienu akyi no, ɔhene no somaa togyeni titire bi maa ɔkɔɔ Yuda nkuro so, na ɔde asraadɔm kɛseɛ baa Yerusalem.
30Ɔnam nnaadaa kwan so kaa asomdwoeɛ nsɛm kyerɛɛ wɔn, na wɔgyee no diiɛ; nanso mpofirim ara na ɔto hyɛɛ kuro no soɔ, na ɔbobɔɔ wɔn kɛse pa ara, na ɔsɛee Israel mu nnipa bebree.
31Ɔfomm kuro no faeɛ, na ɔde ogya hyeeɛ, na ɔbubuu emu adan ne ɛho fasuo.
32Wɔfaa mmaa ne nkwadaa nnommum, na wɔfaa ayɛmmoa.
33Na afei wɔtoo fasuo kɛseɛ a ɛyɛ den ne abantenten a ɛyɛ den twaa Dawid kuro ho hyiae na ɛbɛyɛɛ wɔn abankɛseɛ.
34Wɔde nnipa abɔnefoɔ duaa hɔ, mmarima a wɔyɛ atuatefoɔ. Yeinom hyɛɛ wɔn atenaeɛ hɔ den;
35wɔde akodeɛ ne aduane sieeɛ, na wɔgyee Yerusalem asadeɛ siee hɔ, na wɔbɛyɛɛ ɔhaw kɛseɛ,
36ɛfiri sɛ abankɛseɛ no bɛyɛɛ kwanmutɛfoɔ tiaa kronkronbea no,
ne Israel tamfoɔ bɔne wɔ ɛberɛ nyinaa.
37Wɔkaa mogya gui wɔ kronkronbea no afa nyinaa;
na mpo wɔguu kronkronbea hɔ fi.
38Ɛsiane wɔn nti, wɔn a wɔtete Yerusalem no dwaneeɛ;
na ɛhɔ bɛyɛɛ ahɔhoɔ tenabea;
ɔbɛyɛɛ ɔhɔhoɔ maa n’aseni,
na ne mma poo no.
39Ne kronkronbea danee amamfo sɛ anwea pradada so;
n’afahyɛ bɛdane yɛɛ esu,
ne home nna bɛyɛɛ ahohora,
n’anidie bɛyɛɛ animtiabuo.
40Afei n’animguaseɛ yɛɛ kɛseɛ sɛ n’animuonyam;
n’ahomasoɔ danee yɛɛ esu.
Wɔde Amanaman mufoɔ Som ba41Afei ɔhene twerɛ kɔɔ n’ahemman mu baabiara sɛ nnipa nyinaa nyɛ koro,
42na wɔn nyinaa nnyae wɔn amanneɛ titire no akyiri die.
43Amanaman mufoɔ no nyinaa gyee ɔhene mmara no tomm. Israel mu nnipa bebree mpo de anigyeɛ gyee ne som no tomm; wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahoni, na wɔguu homeda no ho fi.
44Na ɔhene de nkrataa somaa abɔfoɔ kɔɔ Yerusalem ne Yuda nkuro mu; ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnni ananafoɔ amanneɛ so wɔ asase no so.
45Ɔde baraa okum afɔdeɛ ne ahwiesa wɔ kronkronbea hɔ, ɔkasa de guu homenna ne afahyɛ ho fi,
46ɔguu kronkronbea hɔ ne asɔfoɔ no ho fi.
47Ɔsii afɔrebukyia ahodoɔ ne abannwa kronkron ne abosonnan maa abosom, ɔde mprako ne mmoa a wɔn ho nteɛ bɔɔ afɔdeɛ,
48na ɔhyɛɛ sɛ wɔnnyae wɔn mmammarima twetiatwa. Na na ɔse wɔnyɛ wɔn ho akyiwadeɛ wɔ biribiara a ɛho nteɛ na agu fi,
49sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn werɛ bɛfiri mmara no na wɔasesa ahyɛdeɛ no nyinaa.
50Ɔde kaa ho sɛ: Obiara a wɔanni ɔhene mmara soɔ no, ɔbɛwu.
51Saa nsɛm yi na ɔtwerɛ de kɔɔ n’ahennie no mu nyinaa. Ɔsisii nsrahwɛfoɔ wɔ nnipa no nyinaa so, na ɔhyɛɛ Yuda nkuro no sɛ wɔmmɔ okum afɔdeɛ, kuro biara mu.
52Nnipa no mu bebree a wɔpoo mmara no de wɔn ho bɔɔ wɔn, na wɔyɛɛ amumuyɛ wɔ asase no so;
53wɔpamoo Israel maa wɔkɔhuntae wɔ dwanekɔbea biara a na wɔn wɔ.
54 mu no, wɔsii akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so. Wɔsan nso sisii afɔrebukyia ahodoɔ wɔ Yuda nkuro a atwa hɔ ahyia so,
55na wɔhyee aduhwam wɔ afie apono ano ne mmɔntene so.
56Mmara nwoma a wɔhunuiɛ no, wɔsunsuanee mu na wɔde ogya hyeeɛ.
57Obiara a wɔhunuu no sɛ ɔkura mmara nwoma no bie, anaasɛ obiara a ɔdii mmara no soɔ no, wɔnam ɔhene mmara so buaa no kumfɔ.
58Wɔkɔɔ so ara yɛɛ akekabensɛm tiaa Israelfoɔ, wɔde tiaa wɔn a na bosome biara wɔnya wɔn wɔ nkuro mu no.
59Bosome no da a ɛtɔ so aduonu nnum no, wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a na ɛsi ɔhyeɛ afɔrebukyia no soɔ so.
602 Mak 6.10 Sɛdeɛ na mmara no kyerɛ no, wɔkumm mmaa a na wɔtwa wɔn mma twetia no,
61ne wɔn mmusua a na wɔtwa wɔn twetia no; na wɔde mmɔtafowa no asensɛne wɔn nanom kɔn mu.
62Nanso Israelfoɔ bebree gyinaa pintinn na wɔkaa no wɔn akoma mu sɛ wɔrenni aduane a ɛho agu fi.
63Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛwuo sene sɛ wɔde aduane a ɛho nteɛ bɛgu wɔn ho fi anaasɛ wɔbɛsɛe apam kronkron no; na wɔwuwui.
64Abufuhyeɛ kɛseɛ pa ara na ɛbaa Israel soɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.