1Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ:
2Mobɛkɔ nsɛnkeka so akɔsi da bɛn?
Monnwene ho, na ɛno akyiri no, yɛakasa.
3 Hiob 17.4, 10 Adɛn na wɔbu yɛn sɛ anantwie,
na yɛyɛ mo ani so sɛ tibɔnkɔso anaa?
4Wo a wotete wo ho w’abufuo mu.
Wo nti na wɔbɛgya asase,
na wɔatu ɔbotan afiri ne sibea anaa?
5 Hiob 18.18; 21.17; Dwom 73.18-20; Mmb 13.9; 24.20 Nanso ɔbɔnefoɔ kanea bɛdum,
na ne gyaframa renhyerɛn.
6Hann bɛduru sum, ne ntomadan mu,
na ne kanea adum wɔ ne so;
7n’ahoɔden anammɔn ano bɛmoa,
na n’agyinatuo ahwe no ase.
8Na ɔno ara ne nan bɛka no ato atena mu,
na wanante mfidie so.
9Nsɛmma bɛsɔ ne nantin,
na nkyehoma akyekyere no.
10Wɔde kantankoraa bɛhunta fam ama no,
na wɔasum no fidie ɔkwan so.
11Ehu bɛkuta no mmaa nyinaa ahyia,
na ati no n’anammɔn mu.
12Ɛkɔm bɛsɛe n’ahoɔden,
na mmusuo rebɛma no asunti.
13Ɛbɛdi ne honam akwaa,
aane, owuo abakan bɛdi n’akwaa.
14Wɔbɛtu n’anidasoɔ afiri ne ntomadan mu,
na wɔde no akɔ ahudeɛ mu hene no nkyɛn.
15Deɛ ɛnyɛ ne dea bɛtena ne ntomadan mu,
wɔbɛbɔ sɔfe apete ne tenabea.
16Ne nhini bɛwuwu wɔ aseɛ,
na ne mman adwinnwan wɔ soro.
17 Mmb 10.7 Ne nkaeɛ bɛsɛe afiri asase so,
na ɔrennya din asase ani.
18Wɔbɛsum no afiri hann mu akɔ sum mu,
na wɔapam no afiri wiase.
19Ɔrennya mma anaa mmanana ne man mu,
na aseni biara renka n’atenaeɛ.
20Ne da bɛyɛ wɔn a wɔwɔ atɔeɛ ahodwiri,
sɛdeɛ ehu kutaa wɔn a wɔwɔ apueeɛ no.
21Ampa ara sɛdeɛ amumuyɛfoɔ tenabea teɛ ne no,
ne deɛ ɔnnim Onyankopɔn no nso kyɛfa nie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
