1Sɛ wotena ase ne ɔberempɔn rebɛdidi a,
susu deɛ ɛwɔ w’anim no ho yie;
2na sɛ woyɛ odufudepɛfoɔ a,
ɛte sɛ wode sekan reto mene mu.
3Mma wo kɔn nnnɔ n’adɔkɔdɔkɔwadeɛ,
na ɛyɛ nnaadaa aduane.
4 Mmb 28.22; Skf 9.11 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyadeɛ,
gyae wo nhunumu yi akyiridie.
5Wode w’ani bɛsi deɛ ɛnni hɔ so anaa?
Na ahonyadeɛ fu ntaban tu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔtu kɔ soro.
6Nni deɛ ɔwɔ ani bɔne aduane,
na mma wo kɔn nnnɔ n’adɔkɔdɔkɔwadeɛ.
7Na sɛdeɛ ɔdwene ne mu no, sɛ ɔteɛ ne no,
ɔse wo sɛ: Didi na nom! Nanso n’akoma nni wo ho.
8Afono ma a woadie no, wobɛfe,
na woayera wo nsɛm dɛdɛ no.
9 Mmb 9.8 Nkasa ngu ɔkwasea aso mu,
na ɔbɛbu wo kasa mu nimdeɛ no animtia.
10 Mmb 22.28 Ntwe tete hyeɛ,
na nhyɛne nwisiaa mfuo mu.
11Na wɔn gyefoɔ no yɛ otumfoɔ,
ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn atia wo.
12Fa w’akoma bra atentene ho,
na fa w’aso bra nimdeɛ nsɛm ho.
13Mfa atenetene nkame abɔfra,
na wode abaa hwe no a, ɔrenwu.
14 Mmb 13.24; 22.15 Sɛ wode abaa hwe no a,
ɛno na wobɛgye ne kra afiri Asamando.
15Me ba, sɛ w’akoma hunu nyansa a,
me ara nso m’akoma bɛtɔ me yam,
16na me kra ho bɛsɛpɛ no,
sɛ w’ano reka deɛ ɛtene.
17Mma w’akoma mmpere wo, nnebɔneyɛfoɔ ho.
Na wo deɛ, tena AWURADE suro mu daa nyinaa.
18Na ampa ara, akyire asɛm wɔ hɔ,
na wɔrentwa w’anidasoɔ no ntwene.
19Me ba, wo deɛ, tie, na hunu nyansa,
na tene w’akoma kɔ ɔkwan no so.
20 Luk 21.34 Mfra sadweamfoɔ,
wɔn a wɔsɛe wɔn honam no mu;
21 Mmb 23.29-35; 21.17; 20.13 na ɔsadweam ne potwaafoɔ bɛdi hia,
na nkotɔ de ntomago fira onipa.
22 Mmb 1.8 Tie w’agya, ɔno na ɔwoo woɔ,
na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtia.
23Tɔ nokorɛ, na ntɔn;
tɔ nyansa ne atenetene ne nhunumu nso.
24 Mmb 10.1 Ahurisie na ɔteneneeni agya bɛdie,
na deɛ ɔwoo onyansafoɔ no ani gye ne ho.
25Ma w’agya ne wo na ani nnye,
na deɛ ɔwoo woɔ no nni ahurisie.
26Me ba, fa w’akoma ma me,
na ma m’akwan nsɔ w’ani.
27 Mmb 22.14 Na odwamamfoɔ yɛ amena donkodonko,
na ɔbaa sansani yɛ abura hihiaa.
28 Mmb 7.12 Ɔtɛ nso sɛ ɔkwanmukani,
na ɔma nnipa mu nkɔnkɔnsafoɔ dɔɔso.
29Hwan na ɔwɔ amaneɛ mu, hwan na ɔwɔ awerɛhoɔ mu,
hwan na ɔwɔ ntɔkwako ne abooboodie,
hwan na ɔwɔ apirapira hunu
ne ani a abereɛ?
30 Mmb 20.1; Yes 5.11, 22 Wɔn a wɔkyɛre nsa ho,
wɔn a wɔkɔka mfrasa hwɛ.
31Nhwɛ nsa sɛ ɛbere kɔɔ no, na ani twa,
kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no,
32akyire yi no ɛka sɛ ɔwɔ,
na ɛwɔ borɔ sɛ ahuritia.
33W’ani bɛhwɛ ananadeɛ,
na w’akoma aka akontonkyisɛm.
34Na woayɛ sɛ deɛ ɔda po mfimfini
ne deɛ ɔda hyɛn nnua atifi.
35 Yes 56.12 Na woaka sɛ: Wɔde adeɛ bɔɔ me, ante me,
wɔpem me, mante,
menyane ara pɛ a,
mɛkɔ so mapɛ akyire kwan ara!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.