1 Makabee 9 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Bakides san kɔ Yudea

1Ɛberɛ a Demetrius tee sɛ Nikanor ne n’asraafoɔ atotɔ wɔ ɔko mu no, ɔsomaa Bakides ne Alkimus kɔɔ Yuda asase so ne mprenu so, na wɔne nifadɔm a wɔwɔ asraafoɔ no mu na ɛkɔeɛ.

2Wɔfaa ɔkwan a ɛkɔ Gilgal mu no so na wɔkyeree nsra wɔ Mesalot a ɛwɔ Arbela, na wɔgyee na wɔkumm nnipa bebree.

3Bosome a ɛdi kan wɔ afe ɔha aduonum mmienu mu no, wɔkyeree nsraban tiaa Yerusalem;

4na afei wɔde asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem aduonu ne apɔnkɔsotefoɔ mpem mmienu firi hɔ kɔɔ Berea.

5Afei Yuda kyeree nsra wɔ Elasa, na na mmarima a wɔayi wɔn mpem mmiɛnsa ka ne ho.

6Ɛberɛ a wɔhunuu atamfoɔ no akofoɔ no ne wɔn dodoɔ kɛseɛ no, wɔsuroo kɛse, na nnipa no mu binom firi nsraban no mu kɔe, kɔsii sɛ wɔn a wɔkaeɛ no nnuru ahanwɔtwe.

7Ɛberɛ a Yuda hunuu sɛ n’asraafoɔ no adwanedwane kɔ na ɔko no abɛn no, ne honhom brɛɛ ase, ɛfiri sɛ na ɔnni berɛ sɛ ɔde bɛboaboa wɔn ano.

8Ɔbotoe, nanso ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: Momma yɛnsɔre nkɔ yɛn atamfoɔ no so. Ebia yɛbɛnya ahoɔden ne wɔn ako.

9Nanso wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa n’adwene na ɔkaa sɛ: Yɛnni ahoɔden. Seesei ara deɛ momma yɛnnye yɛn ho nkwa, na yɛn ne yɛn nuanom nsan mmra ne wɔn mmɛko; yɛsua dodo.

10Nanso Yuda kaa sɛ: Mpare yɛn sɛ yɛbɛyɛ adeɛ a ɛte saa, sɛ yɛbɛdwane afiri wɔn anim. Sɛ yɛn berɛ aso a, momma yɛnwu sɛ akatakyie mma yɛn nuanom na amma nkekaeɛ biara amma yɛn animuonyam ho.

Yuda sa a ɛtwa toɔ

11Afei Bakides asrafoɔ no firii nsraban no mu bɛtwaa mpasua sɛ wɔrebɛko. Wɔkyɛɛ apɔnkɔsotefoɔ no mu akuo mmienu, na ntɔmmoɔtofoɔ ne agyantofoɔ dii asraafoɔ no anim kan, na saa ara na asafo hene no nyinaa yɛeɛ.

12Na Bakides wɔ nifa fam. Akuo mmienu wɔ n’afa ne n’afa, abansifoɔ akuakuo no tie totorobɛnto no na wɔde anante; na mmarima a wɔka Yuda ho no nso hyɛnee wɔn totorobɛnto.

13Asraafoɔ no ho dede no maa asase wosoe, na ɔko no kɔɔ so kitikiti firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.

14Ɛberɛ a Yuda hunuu sɛ Bakides ne n’asraafoɔ no ahoɔden kɛseɛ wɔ nifa no; afei ɔne mmarima akokoɔdurufoɔ no nyinaa kɔɔ hɔ,

15na ɔkaa nifa dɔm no gui, na ɔtii wɔn kɔduruu Bepɔ Asoto ho.

16Na ɛberɛ a benkum dɔm no hunuu sɛ wɔaka nifa dɔm no agu no, wɔdanee wɔn ho dii Yuda ne ne mmarima no akyi bɛnee wɔn.

17Ɔko no ani yɛɛ nyan, na afa ne afa mu nnipa bebree pirapiraae na wɔwuwui.

18Yuda nso wui, na nkaeɛ no dwaneeɛ.

19Ɛnna Yonatan ne Simon faa wɔn nuabarima Yuda kɔsiee no wɔ wɔn nananom bodan mu wɔ Modein,

20na wɔsuu no. Israel nyinaa twaa adwo kɛseɛ maa no; wɔsui nna bebree mu kaa sɛ:

21Sɛdeɛ akatakyie si hwe aseɛ,

Israel agyenkwa no!

22Afei Yuda nnwuma nkaeɛ no, n’akodie ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ no, ne kɛseyɛ no yɛ deɛ wɔntwerɛeɛ nanso ɛdɔɔso pa ara.

Yonatan si Yuda ananmu

23Yuda wuo akyi no, atuatefoɔ sɔresɔree wɔ Israel baabiara; amumuyɛfoɔ no nyinaa san baeɛ.

24Ɛberɛ no mu ɛkɔm kɛseɛ baeɛ, na ɔman no kɔɔ wɔn afa.

25Bakides yiyii nnipa a wɔnsuro Nyame de wɔn dii ɔman no so.

26Wɔyɛɛ nhwehwɛmu na wɔhwehwɛɛ Yuda nnamfonom, na wɔde wɔn brɛɛ Bakides, na ɔtɔɔ wɔn so were, na ɔgoroo wɔn ho.

27Enti ahohiahia kɛseɛ baa Israel a ɛfiri berɛ a adiyifoɔ gyae wɔn mu ba no, ebi mmaa da.

28Ɛnna afei Yuda nnamfonom nyinaa hyiae, na wɔka kyerɛɛ Yonatan sɛ:

29Ɛfiri berɛ a wo nuabarima Yuda wuiɛ no, obiara nni hɔ sɛ no a ɔbɛkɔ akɔko atia yɛn atamfoɔ ne Bakides, na ɔne yɛn man mufoɔ a wɔtan yɛn no bɛdie.

30Enti seesei ara yɛayi wo ɛnnɛ da yi sɛ si no ananmu sɛ yɛn hene ne yɛn kannifoɔ, na ko yɛn ko.

31Ɛno nti Yonatan gyee akannie no tomm saa berɛ no, na ɔsii Yuda ananmu.

Yonatan satuo

32Ɛberɛ a Bakides hunuu yei no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛku no.

33Nanso Yonatan ne ne nuabarima Simon ne wɔn a wɔka wɔn ho no teeɛ no, wɔdwanee kɔɔ Tekoa ɛserɛ so na wɔkyeree nsraban wɔ Asfar ɔtareɛ ho.

34Bakides; hunuu yei wɔ homeda, na ɔno ne n’asraafoɔ nyinaa twaa Yordan.

35Ɛno nti Yonatan somaa ne nua sɛ ɛdɔm no kannifoɔ na ɔsrɛɛ Nabatfoɔ, a na wɔyɛ ne nnamfonom, sɛ wɔmma wɔn kwan mma wɔnkora wɔn nnoɔma dodoɔ a wɔwɔ no wɔn nkyɛn.

36Nanso Yambri a ɔfiri Medeba abusua mu baeɛ bɛkyeree Yohane na wɔfaa deɛ na ɔwɔ nyinaa de kɔeɛ.

37Yeinom nyinaa akyiri no, wɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Yonatan ne ne nua Simon sɛ: Yambri abusua no rehyɛ awareɛ ho fa, na wɔde ayeforɔ a ɔyɛ Kanaan okunini no mu baako babaa a ɔfiri Nadabat a awɛmfoɔ pii ka wɔn ho resen.

38Wɔkaee sɛdeɛ wɔkumm wɔn nua Yohane no, wɔforo de wɔn ho kɔsiee bepɔ no so.

39Wɔmaa wɔn ani so hwɛe na wɔhunuu santen a wɔde dede gyegyeegye a nnoɔma soso wɔn; na ayeforɔkunu ne ne nuanom ne ne nnamfonom firi baeɛ de akasae ne adwontofoɔ ne akodeɛ bebree bɛhyiaa wɔn.

40Ɛhɔ ara na wɔfiri ahuntaeɛm hɔ to hyɛɛ wɔn so, na wɔfirii aseɛ sɛ wɔrekunkum wɔn. Nnipa bebree pirapirae na wɔwuwui, na nkaeɛ no dwane kɔɔ bepɔ so; na Yudafoɔ no faa wɔn nnoɔma nyinaa.

41Enti ayeforɔ no danee osu, na adwontofoɔ no nne danee agyaadwoɔ twa.

42Ɛberɛ a wɔtɔɔ were wɔ wɔn nua no mogya ho wieeɛ no, wɔdanee wɔn ani kɔɔ Yordan atɛkyɛ mu.

43Ɛberɛ a Bakides tee yei no, ɔde akofoɔ a wɔdɔɔso baa Yordan agya wɔ homeda mu.

44Na Yonatan ka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: Momma yɛnko nnye yɛn ho nkwa, ɛfiri sɛ, ɛnnɛ nnoɔma nte sɛ kane no.

45Na monhwɛ, ɔko no wɔ yɛn anim ne yɛn akyi; Yordan mu nsuo wɔ afa ha ne ɛhɔ, a atɛkyɛ ne wira nko; yɛnni baabiara fa.

46Monsu mfrɛ Ɔsoro sɛ ebia ɔbɛgye mo afiri mo atamfoɔ nsam.

47Ɛno nti ɔko no firii aseɛ, na Yonatan tenee ne nsa sɛ ɔreku Bakides, nanso ɔdwane kɔhyɛɛ akyire hɔ.

48Afei Yonatan ne ne mmarima no hurii totɔɔ Yordan mu na wɔboro twa kɔɔ ɔfa nohoa, na ɔtamfo no antumi antwa Yordan ankɔtoa wɔn.

49Na Bakides mmarima no mu bɛyɛ sɛ apem wuwui saa da no.

Bakides sisi abankɛseɛ

50Afei Bakides san kɔɔ Yerusalem na ɔsii abandenden wɔ Yudea nkuro yi so: Abankɛseɛ a ɛwɔ Yeriko, Emaus, Bet-horon, Timnat, Faraton, Tefon, na afasuo atenteneatentene, apono ne adaban.

51Na ɔde abansifoɔ sisii wɔn mu sɛ wɔnteetee Israelfoɔ.

52Bio, ɔbɔɔ Bet-sur ne Gasara nkuro, ne abankɛseɛ no ho ban, na ɔde asraafoɔ tenaa hɔ na ɔde aduane pii guu hɔ.

53Na ɔfaa asase no so mmarima atitire no mma nnommum na ɔde wɔn hyɛɛ awɛmfoɔ nsa wɔ Yerusalem abankɛseɛ no mu.

54Afe ɔha ne aduonum mmiɛnsa mu, bosome a ɛtɔ so mmienu mu, Alkimus hyɛɛ sɛ wɔnwiri kronkronbea no mu ɛfam abannwa no fasuo ngu. Ɔbubuu adiyifoɔ no nnwuma guu fam!

55Mmom ɔfirii aseɛ dwirii ara, ɛfiri sɛ, saa berɛ no na Alkimus abubu gu hɔ, enti n’adwuma no ankɔ so; n’ano ka tomm na ɔdwodwoe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔntumi nka asɛm bi anaasɛ ɔntumi nhyɛ biribiara wɔ ne dan no ho.

56Alkimus wui ɛberɛ no mu wɔ ahodwane kɛseɛ mu.

57Ɛberɛ a Bakides hunuu sɛ Alkimus awuo no, ɔsan kɔɔ ɔhene hɔ, na Yuda asase no nyaa ɔhomee mfeɛ mmienu.

Ɔko no awieeɛ

58Afei mmaratofoɔ no nyinaa faa adwene kaa sɛ: Hwɛ! Yonatan ne ne mmarima no te ase asomdwoeɛ ne awerɛhyɛmu mu. Enti momma yɛnkɔfa Bakides mmra bio, na ɔbɛkyekye wɔn nyinaa anadwo baako pɛ.

59Na wɔkɔ kɔnee no faa adwene.

60Ɔfiri aseɛ sɛ ɔde akofoɔ a wɔdɔɔso reba, na ɔnam kokoam de nkrataa kɔmemaa n’ayɔnkofoɔ a wɔwɔ Yudea nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyere Yonatan ne ne mmarima no; nanso wɔantumi anyɛ saa, ɛfiri sɛ wɔn nhyehyɛɛ no bɛdaa adi.

61Na Yonatan mmarima no kyeree ɔman no mu mmarima bɛyɛ aduonum a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ saa afatwafoɔ yi mu, na ɔkumm wɔn.

62Ɛnna afei Yonatan ne ne mmarima ne Simon twee wɔn ho kɔɔ Betbasi wɔ ɛserɛ so; ɔsane sisii n’afa bi a wɔabubuo no bio, na wɔbɔɔ ho ban.

63Ɛberɛ a Bakides teeɛ no, ɔboaboaa n’akofoɔ nyinaa ano, na ɔsoma de nhyehyɛɛ kɔmaa nnipa a wɔwɔ Yudea.

64Afei wɔbae bɛkyeree nsraban tiaa Betbasi; ɔne no koe nna pii na ɔyɛɛ akodeɛ a wɔde bubu fasuo.

65Mmom Yonatan gyaa ne nua Simon wɔ kuro no mu, ɛberɛ a ɔno firii adi kɔɔ ɔman no mu; na ɔno ne nnipa kakraa bi na wɔkɔeɛ.

66Ɔbɔɔ Odomera kumm no ne n’abusuafoɔ ne nnipa a wɔwɔ Fasiron wɔ wɔn ntomadan mu.

67Afei ɔfirii aseɛ tuu wɔn so sa na ɔne n’akofoɔ no kɔɔ akono; na Simon ne ne mmarima no firii kuro no mu baeɛ na wɔde ogya hyee akodeɛ a wɔde bubu fasuo no.

68Wɔn ne Bakides koe, na wɔkaa no gui. Wɔhiahiaa no pa ara, ɛfiri sɛ ne satuo no ayɛ kwa.

69Yei nti ne bo fuu atuatefoɔ a wɔtuu ne fo sɛ ɔmmra ɔman no mu no, na ɔkumm wɔn mu bebree. Afei ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsane akɔ ɔno ara n’asase so.

70Ɛberɛ a Yonatan tee yei no, ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔne wɔn nya asomdwoeɛ na wɔnnyae nnommumfoɔ no mma no.

71Ɔpenee so, na ɔyɛɛ sɛdeɛ Yonatan kaeɛ no; na ɔdii nse kyerɛɛ Yonatan sɛ ɔrempɛ sɛ wɔbɛha no bio mmerɛ dodoɔ a ɔte aseɛ no.

72Ɔde nnommumfoɔ a ɔdii kan faa wɔn firii Yuda asase so no maa no; na afei ɔdanee n’ani na ɔsane kɔɔ ɔno ara n’asase so, na wansan amma wɔn hyeɛ so bio.

73Saa nti, akodie gyae wɔ Israel. Yonatan tenaa Mikmas na ɔfiri aseɛ buu ɔman no atɛn; na ɔsɛe wɔn a wɔnsuro nyame no wɔ Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help