Nnwom 85 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Adom ho adesrɛWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom.

1AWURADE, woadom w’asase,

wode Yakob agyapadeɛ asane aba,

2 Dwom 89.49 wode wo man mfomsoɔ akyɛ,

woakata wɔn bɔne nyinaa so.

3Woatwe w’anibereɛ nyinaa,

woadane afiri w’abufuo hyehyeɛ no mu.

4Yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra,

na twa wo bo a ɛfu yɛn no to wo yam.

5 Dwom 77.7 Wo werɛ bɛho atia yɛn akɔsi daa anaa?

Wobɛtwe w’abufuo mu akɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu?

6Worensane mma yɛn nkwa,

na wo man ani nnye wo ho?

7AWURADE, ma yɛnhunu w’adɔeɛ,

na fa wo nkwagyeɛ ma yɛn.

8 Dwom 72.3 Mɛtie deɛ Onyankopɔn AWURADE bɛka.

Ampa, ɔka asomdwoeɛsɛm kyerɛ ne man ne n’ahotefoɔ,

na mma wɔnnsane nnkɔ nkwaseadeɛ mu.

9Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛn wɔn a wɔsuro no,

na animuonyam atena yɛn asase so.

10Adom ne nokorɛ bɛhyia,

na tenenee ne asomdwoeɛ adi mfeano.

11Nokorɛ bɛfifiri asase so,

na tenenee afiri soro ahwɛ.

12Nso AWURADE bɛma papa,

na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.

13Tenenee bɛdi n’anim,

na asi n’anammɔn kwan so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help