1 Berɛsosɛm 14 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Dawid aban, ne yerenom ne ne mma(2 Samuel 5.11-16)

1

12Deut 7.5, 25 Na wɔgyigyaa wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid ka maa wɔde ogya hyeeɛ.

13Na Filistifoɔ no sane foro baa bio de bɛkyeree nsraban wɔ bonhwa no mu.

14Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkɔdi wɔn akyi, dane firi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so.

15Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ firi kɔko, na Onyankopɔn afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no.

16Na Dawid yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no, na wɔkunkum Filistifoɔ dɔm no firii Gibeon de kɔsii Geser.

17Na Dawid din hyetae nsase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu tɔɔ amanaman no nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help