1Ɛno nti Awurade yɛɛ deɛ na ɔde hunahuna yɛn wɔ kasa a na ɔkasa kyerɛ yɛn no ho. Ɔka tiaa yɛn atemmufoɔ a wɔdii Israel soɔ no, ɔka tiaa yɛn ahemfo ne mmapɔmma a wɔwɔ Israel ne Yuda no.
2Ɔsoro ase nyinaa no, adeɛ a ɔde ayɛ Yerusalem no bi nsii baabiara da, sɛdeɛ ateatea a wɔatwerɛ no wɔ Mose mmara no mu teɛ no.
3Yɛn mu binom dii yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa nam.
4Ɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ ahennie a atwa yɛn ho ahyia no ase, sɛ yɛnyɛ ahohoradeɛ ne amamfo wɔ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no mu, faako a Awurade abɔ yɛn ahwete no.
5Wɔbrɛɛ wɔn ase na wɔamma wɔn so, ɛfiri sɛ yɛn man yɛɛ bɔne tiaa Awurade yɛn Nyankopɔn no, sɛ yɛantie ne nne.
6Awurade yɛn Nyankopɔn tene, na mmom aniwuo aba yɛn ne yɛn agyanom so de bɛsi nnɛ.
7Atoyerɛnkyɛm yi a Awurade de hunahunaa yɛn no nyinaa aba yɛn so.
8Nanso yɛnsrɛɛ Awurade adom, sɛ yɛn mu biara bɛdane afiri n’amumuyɛ akoma ho.
9Na Awurade akora atoyerɛnkyɛm ayɛ no krado, na Awurade de aba yɛn so, ɛfiri sɛ, Awurade tene wɔ nnwuma a wahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no nyinaa mu.
10Nanso yɛantie ne nne, sɛ yɛbɛnante wɔ Awurade ahyɛdeɛ a ɔde asi yɛn anim no mu.
Ɔgyeɛ mpaebɔ11Na afei, O Israel Awurade Nyankopɔn, a wode nsa a emu yɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim asase so ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne tumi kɛseɛ ne basa a wɔatene mu, na wode gyee edin maa wo ho a ɛda so wɔ hɔ de bɛsi ɛnnɛ,
12yɛayɛ bɔne, na yɛnni nyamesuro, yɛafom wo wɔ w’ahyɛdeɛ nyinaa ho, O yɛn Awurade Nyankopɔn.
13Dane w’abufuo firi yɛn so, ɛfiri sɛ aka yɛn kakra bi wɔ amanaman a wobɔɔ yɛn petee soɔ no mu.
14O Awurade, tie yɛn mpaebɔ ne yɛn nkotosrɛ, na wo nti gye yɛn, na ma yɛnnya adom wɔ wɔn a wɔafa yɛn dommum yi anim;
15ama asase sofoɔ nyinaa ahunu sɛ wone Awurade yɛn Nyankopɔn, na Israel ne n’asefoɔ nyinaa wɔde wo din na ɛfrɛ wɔn.
16O Awurade, firi wo tenabea kronkron hɔ brɛ w’ani ase na dwene yɛn ho. O Awurade, kyea w’aso na tie;
17O Awurade, bue w’ani na hwɛ, ɛfiri sɛ awufoɔ a wɔwɔ Asamando no, wɔn a wɔagye wɔn honhom afiri wɔn nipadua mu no mfa animuonyam ne atɛntenenee mma Awurade;
18na mmom onipa a ne werɛ aho kɛseɛ, na ɔkoto nante bɛtɛbɛtɛ, n’ani ayɛ kusukusu na ɛkɔm de ɔkra no, bɛka w’animuonyam ne wo tenenee akyerɛ, O Awurade.
19Ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛn agyanom anaasɛ yɛn ahemfo nnwuma a ɛtene enti na yɛde yɛn mpaebɔ reba abɛhwehwɛ wo hɔ mmɔborɔhunu, O Awurade.
20Ɛnam sɛ woasoma w’abufuo ne w’abufuhyeɛ aba yɛn so, sɛdeɛ wonam wo nkoa adiyifoɔ so reka sɛ:
21Yer 7.34; 27.10-12 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mommɔ mo abatire ase mfa nsom Babel hene no, na mobɛkɔ so ara atena asase a mede maa mo agyanom no so.
22Na mmom sɛ morentie Awurade nne, na sɛ morensom Babel hene deɛ a,
23mɛma anika nne ne anigyeɛ nne ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne to atwa wɔ Yuda nkuro mu, ne mantam a atwa Yerusalem ho ahyia no mu, na asase no nyinaa bɛdane amamfo a obiara ntena soɔ.
24 Yer 8.1, 2 Nanso yɛantie wo nne, sɛ yɛbɛsom Babel hene no; na woayɛ nsɛm a wonam wo nkoa adiyifoɔ no so kaeɛ no, sɛ wɔbɛtu yɛn ahemfo nnompe ne yɛn agyanom nnompe afiri wɔn nna mu;
25na nokorɛ nie, wɔatutu agu awia mu ɔhyeɛ ne anadwo mu awɔ mu. Wɔayera wɔ amanehunu kɛseɛ mu, wɔ ɛkɔm, afena ne yaredɔm mu.
26Na efie a wɔbɔ wo din frɛ no, woayɛ no sɛdeɛ ɛteɛ ɛnnɛ yi, ɛsiane Israel fie ne Yuda fie amumuyɛ nti.
Wɔkae Onyankopɔn bɔhyɛ27Nanso, O Awurade yɛn Nyankopɔn, wo ne yɛn adi wɔ w’adɔeɛ ne w’ayamhyehyeɛ kɛseɛ no nyinaa mu,
28Deut 28.58, 62 sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kae wɔ ɛda a wohyɛɛ no maa no twerɛɛ wo mmara nsɛm wɔ wo man Israel anim sɛ:
29Na sɛ morentie me nne a, nokorɛ, saa ɛdɔm kɛseɛ yi ara bɛdane nnipa kakra bi wɔ aman mu, faako a mede mo bɛpete no.
30Na menim sɛ wɔrentie me, ɛfiri sɛ wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔasene wɔn kɔn. Na mmom wɔn dommumfa asase so deɛ, wɔn ani bɛba wɔn ho so
31na wɔahu sɛ mene Awurade wɔn Nyankopɔn. Mɛma wɔn setie akoma ne aso a ɛte asɛm;
32wɔbɛyi me ayɛ wɔ wɔn dommumfa asase so, na wɔbɛkae me din
33na wɔadane afiri wɔn asoɔden ne w’amumuyɛ nnwuma ho; na wɔbɛkae w’agyanom akwan, bɔne a wɔyɛɛ wɔ Awurade anim no.
34Mɛsane de wɔn aba asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no, Abraham, Isak ne Yakob, na wɔadi so no; na mɛma wɔadɔre, na wɔn dodoɔ so rente.
35Yer 32.38-40 Me ne wɔn bɛyɛ daa apam, na mayɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn ayɛ me man; na merenyi me man Israel mfiri asase a mede ama wɔn no so bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.