Nnwom 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

AWURADE mu ahotosoɔWɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Dawid deɛ.

1 1 Sa 26.20 AWURADE na medwane kɔtoa no,

adɛn na mose me kra sɛ:

Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.

2 Dwom 37.14; 64.3-4 Na hwɛ, abɔnefoɔ kuntunu wɔn tadua mu,

wɔde wɔn mmɛmma asi homa so

sɛ wɔde bɛto abɔ akoma mu tenefoɔ esum mu.

3Sɛ wɔsɛe nnyinasoɔ a,

ɔteneneeni bɛyɛ dɛn?

4 Hab 2.20; Yes 66.1; Dwom 13.1-3 AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu,

AWURADE ahennwa wɔ soro,

n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.

5 Dwom 5.4 AWURADE sɔ ɔteneneeni hwɛ,

na ɔbɔnefoɔ ne deɛ ɔpɛ amim deɛ,

ne kra tane no.

6 Gye 19.24 Ɔbɛma asraman aduru abɔnefoɔ,

ogya ne sɔfe ne mframa a ɛderɛ

ne wɔn kuruwa mu kyɛfa.

7 Dwom 33.5; 17.15 Na AWURADE yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ asɛntenenee,

wɔn a wɔtene bɛhunu n’anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help