1Paulo, Nyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafoɔ ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn gyidie ne onyamesom pa ho nokorɛ no nimdeɛ,
2daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,
3Efe 1.9-10; 1 Ti 1.1; 1.11 na ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɔyii n’asɛm adie, asɛnka a wɔnam yɛn Agyenkwa Nyankopɔn hyɛ so de ahyɛ me nsa no mu,
41 Ti 1.2 de kɔma Tito, me ba pa gyidie korɔ no ara fam. Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo!
Esu a ɛfata ɔhwɛfoɔ5Yei nti na megyaa wo Kreta, na woasiesie nnoɔma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kuro biara so mpanimfoɔ, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no:
61 Ti 3.2-4 Deɛ ne ho nni asɛm bie, ɔyerɛ baako kunu a ɔwɔ mma gyidifoɔ a wɔnte ahohwie anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.
71 Ko 4.1; 2 Ti 2.24 Na deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ: Wɔnni ne ho asɛm bi ka, sɛ Nyankopɔn fiehwɛfoɔ. Ɔnyɛ ɔhopɛfoɔ, abufufafoɔ, ɔsadweam, pupopupo, anaa odufudepɛfoɔ,
8na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwene mu te, ɔtene, ne ho te, ɔwɔ ahohyɛsoɔ,
9ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn.
Kreta asafo mu agyegyefoɔ10Ɛfiri sɛ ahuhusɛnkafoɔ ne nnaadaafoɔ atuatefoɔ bebree wɔ hɔ, ne titire no wɔn a wɔfiri twetiatwa mu
112 Ti 3.6 a ɛsɛ sɛ wɔtua wɔn ano. Wɔn na aniwuo mfasoɔ nti wɔkyerɛkyerɛ deɛ ɛnsɛ, de dane afie ani butuo.
12Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ara wɔn diyifoɔ kaa sɛ:
Kretafoɔ yɛ atorofoɔ daa, mmoa bɔne, akwadwofoɔ adidifoɔ.
Akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ13 2 Ti 4.2 Adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Ɛno nti yi wɔn atɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidie mu,
141 Ti 4.7 na wɔanyɛ aso amma Yudafoɔ anansesɛm ne nnipa a wɔdane wɔn ho firi nokorɛ ho no ahyɛdeɛ.
15Mat 15.11; Rom 14.20 Adeɛ nyinaa ho te ma wɔn a wɔn ho teɛ; na wɔn a wɔn ho aba fi na wɔnnye nnie no deɛ, hwee ho nte mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fi.
162 Ti 3.5 Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
