Yohane 7 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yesu nuanom

1 Deɛ nkurɔfoɔ susuo

25 Nkwa nsuo ho bɔhyɛ

37 Lew 23.36; Yoh 4.10 Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo!

38Yes 44.3; Yoel 2.28 Sɛdeɛ atwerɛsɛm no kaeɛ no: Deɛ ɔgye me die no, nkwa asubɔnten bɛsene afiri ne yam.

39Yoh 16.7 Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.

Nkurɔfoɔ no adwene mu mpaepaemu

40 Yoh 6.14; Deut 18.15 Na nkurɔfokuo no tee nsɛm yi no, wɔn mu binom kaa sɛ: Odiyifoɔ no nie ampa!

41Yoh 1.47 Ebinom se: Kristo no nie! Na ebinom nso bisaa sɛ: Kristo no bɛfiri Galilea anaa?

422 Sa 7.12; Mika 5.2; Mat 2.5-6; 22.42 Atwerɛsɛm no anka sɛ Dawid asefoɔ mu ne Betlehem kuro a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no bɛfire anaa?

43Yoh 9.16 Na ne nti mpaepaemu baa nkurɔfokuo no mu.

Wɔantumi ankye Kristo

44 Yoh 7.30 Na wɔn mu binom pɛɛ sɛ wɔkye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no.

45Ɛnna asomfo no baa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔbɛbisaa wɔn sɛ: Adɛn nti na moamfa no amma?

46Mat 7.28-29 Asomfo no buaa sɛ: Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da.

47Ɛnna Farisifoɔ no buaa wɔn sɛ: Wɔadaadaa mo nso anaa?

48Mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no mu bi agye no adi anaa?

49Na nkurɔfokuo yi a wɔnnim mmara no, wɔadome wɔn!

50Yoh 3.1-2 Nikodemo a ɔbaa ne nkyɛn da bi a ɔyɛ wɔn mu baako no see wɔn sɛ:

51Deut 1.16-17 Yɛn mmara ntiee onipa na ɛnhunuu deɛ ɔyɛeɛ ansa a, ɛbu no atɛn anaa?

52Yoh 7.41 Wɔbua see no sɛ: Dabrɛ wo nso wofiri Galilea? Hwehwɛ mu, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ nsɔree wɔ Galilea pɛn.

53[Na wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn afie mu mmaako mmaako.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help