Hiob NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUHiob nwoma yɛ nwoma bi a ɛfa onipa tenenee bi a atoyerɛnkyɛm too no ho. Ne mma ne n’agyapadeɛ nyinaa firii ne nsa na yadeɛ a ɛyɛ ya nso bɔɔ no. Ɔtwerɛfoɔ no nam anwonsɛm nkɔmmɔdie ahodoɔ mmiɛnsa so kyerɛɛ deɛ Hiob ayɔnkofoɔ ne Hiob ankasa nso yɛɛ wɔ amanehunu no mu. Awieeɛ no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Hiob. Onyankopɔn ne adasamma nkitahodie yɛ asɛm titire wɔ nkɔmmɔdie yi mu.Hiob ayɔnkofoɔ no faa nyamesom ho nteaseɛ a ɛwɔ hɔ saa berɛ no so kyerɛɛ n’amanehunu no ase. Ɛsiane sɛ, na wɔsusu daa nyinaa sɛ Nyankopɔn tua papa a yɛyɛ so ka na ɔtwe yɛn aso wɔ bɔne ho nti, deɛ Hiob amanehunu no kyerɛ ara ne sɛ wayɛ bɔne. Na Hiob deɛ wanhunu no saa. Na ɔmfata saa asotwe yayaaya yi, ɛfiri sɛ ɔyɛ onipa papa ne ɔteneneeni. Na ɔnte aseɛ sɛ Nyankopɔn bɛtumi ama mmusuo a ɛte sɛɛ aba obi a ɔte sɛ ɔno so, na ɔsii ne bo bisaa Onyankopɔn hɔ asɛm. Hiob ampa aba ara, na ɔkɔɔ so gyee Onyankopɔn dii, nanso ɔpɛɛ sɛ ɔdi bem wɔ Nyankopɔn anim na wɔasane anya nidie sɛ ɔyɛ onipa papa.Onyankopɔn amma Hiob nsɛmmisa no ho mmuaeɛ, na mmom ɔnam anwonsɛm so twaa ne tumi ne ne nyansa mfonini de hyɛɛ Hiob gyidie den. Yei akyiri no, Hiob gye too mu ahobrɛaseɛ mu sɛ Nyankopɔn yɛ kɛseɛ na ɔyɛ Onyansafoɔ nso. Ɔnuu ne ho wɔ nsɛm a ɔde abufuo kae no ho. Nwoma no awieeɛ no, wɔatwerɛ sɛdeɛ Hiob bɛsii ne dada mu na ɔnyaa ne ho pa ara sene ahyɛaseɛ no. Onyankopɔn twii Hiob ayɔnkofoɔ no anim sɛ wɔante Hiob amanehunu no ase. Hiob nkutoo na ɔhunuu sɛ Nyankopɔn so sene nyamesom ho nteaseɛ a ɛwɔ hɔ saa berɛ no.EMU NSƐMNnianim 1.1—2.13Hiob ne n’ayɔnkofoɔ 3.1—31.401. Hiob anwiinwii 3.1-262. Nkɔmmɔdie a ɛdi kan 4.1—14.223. Nkɔmmɔdie a ɛtɔ so mmienu 15.1—21.344. Nkɔmmɔdie a ɛtɔ so mmiɛnsa 22.1—27.235. Wɔyii nyansa ho ayɛ 28.1-286. Hiob kasa a ɛdi awieeɛ 29.1—31.40Elihu kasa 32.1—37.24Onyankopɔn ma Hiob mmuaeɛ 38.1—42.6Awieeɛ 42.7-17
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help